Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Tesalonikafoɔ 4:8 - Apam Foforɔ

8 Nti nea ɔpo yei he mpo nnipa, na mmom ɔpo Nyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ama ho he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Tesalonikafoɔ 4:8
21 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Nea otie ho he tie me nso. Na nea obu ho animtia he bu me nso animtia. Afei nso, nea obu me animtia he bu nea ɔsomaa me he nso animtia.”


Nea ɔpo me na ɔnnye me nsɛm he wɔ temmufoɔ baako. Nsɛm a maka heaa ne bebu no atɛne da a odi akyire he mu,


‘Ho a hobu Nyankopɔn asɛm animtia, honhwɛ ma ɔnyɛ ho nwanwa na honyera mfiri m’anim, efiri sɛ meeyɔ adwuma bi ho berɛ so, adwuma a sɛ bi ka ho asɛm nyinaa kyerɛ ho mpo a, honnye nni.’ ”


na anidasoɔ nni hwammɔ, efiri sɛ bɛnam Honhom Kronkron a bɛde ama yɛ he so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛ akoma mu.


nnoɔma yei ne Nyankopɔn nam Honhom he so ada no adi; efiri sɛ Honhom he hwehwɛ nnoɔma nyinaa mu, mpo Nyankopɔn nnoɔma a mu dɔ nso mu.


Na mesusu sɛ ɔbɛyɛ nhyira sɛ ɔbɛtena ase. Na menim nso sɛ, mewɔ Nyankopɔn honhom.


Afei nso waahyɛ yɛ nsõ, na waama yɛ ne ba he ho nsɛnkyerɛnne a ɔno ne Honhom Kronkron he yɛ akoma mu.


Na esiane sɛ hoyɛ mma nti, Nyankopɔn asoma ne Ba Honhom aba ho akomam a ɔteaam sɛ, “Abba, a ɔkyerɛ sɛ Agya!”


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


efiri sɛ adiyisɛm biaa nni hɔ a ofiri nipa nyansa mu ne baeɛ, na mmom Honhom Kronkron he ne nam nnipa he so kaa asɛm a ofiri Nyankopɔn nkyɛne.


Biaa a odi Nyankopɔn ahyɛdeɛ so he te Nyankopɔn mu, na Nyankopɔn nso te ne mu. Na yei ne ma yehu sɛ Nyankopɔn te yɛ mu. Na deɛ yɛde hu sɛ ɔte yɛ mu ne Honhom a ɔde ama yɛ he.


Saa nnipa he nam saa kwane korɔ heaa so sosoo daeɛ ma bɛyɔɔ bɔne tiaa bɛ nipadua. Bemmu tumidie, na bɛkasa tiaa animuonyamfoɔ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ