Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Tesalonikafoɔ 4:13 - Apam Foforɔ

13 Na anuanom, nea ɔfa bɛ a bɛawuwu he ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yesi ho so na ho werɛ anho sɛ, nnipa a bɛaka a benni anidasoɔ he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Tesalonikafoɔ 4:13
35 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na adamena nso biebieɛ, na ahoteefoɔ a bɛawuwu he bebree nyanenyaneɛ, na befirii bɛ adamena mu.


Marta ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ wusɔreɛ a ɔbɛba da a odi akyire he mu he, ɔbɛsɔre.”


Na Dawid deɛ, ɔyɔɔ Nyankopɔn pɛ a bɛada no adi he ya ɔno ankasa n’awoɔ ntoatoasoɔ mu, na owuiɛ, na besiee no ɔnoaa ne nananom nkyɛne, na ɔporɔeɛ;


Afei, obuu nkotodwe de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Awurade, mmu bɔne yi ntia bɛ.” Na ɔkaa saa he ogyaam.


Na mmeema nyamesurofoɔ bi faa Stefano kosiee no, na besuu no pii.


Anuanom agyidifoɔ, mepɛ sɛ hohu sɛ mpɛn pii ne maabɔ me tim pɔ sɛ mɛba ho nkyɛne (nso bibi asi me kwane), na ama matwa aba bi afiri ho hɔ sɛnea mayɔ no Amanamane a aka he hɔ.


Anuanom, mempɛ sɛ mede sie ho sɛ agyanom hyɛɛ mununkum ase, na bɛ nyinaa bɛfaa po he mu,


Na deɛ ɔfa honhom fam nsɛm ho deɛ, anuanom, mempɛ sɛ mede bibiaa sie ho.


Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahenum berɛ korɔ mu, bemu dodoɔ da so te ase, ɔyam sɛ binom adeda deɛ.


Anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɔbaa yɛ so Asia he sie ho; ahohiahia he mu yɛɛ dene paa maa afei deɛ, yesuroo sɛ yɛ nkwa mpo befiri yɛ nsa.


honkae sɛ saa mmerɛ he na honnim Kristo, na hoyɛ amanfrafoɔ na honnyɛ Israel mane mma, na hoyɛ ahɔhoɔ apam he bɔhyɛ he ho, na honni anidasoɔ biaa, afei nso na honnim Nyankopɔn ho wiase abrabɔ mu.


Saa ara ne mmerɛ bi a atwam he yɛ nyinaa nso yɛbɔɔ yɛ bra sɛnea yɛ honam akɔnnɔ teɛ, yedii honam ne n’akɔnnɔ akyi, na yɛbɛyɛɛ abufuo mma, yɛ awosuo mu, sɛnea nnipa a aka nyinaa teɛ.


Na yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ na ɔsɔreeɛ bio a, saa ara nso ne Nyankopɔn de bɛ a bɛawu he nam Yesu so bɛka Yesu ho aba.


Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu ne yɛka kyerɛ ho sɛ, yɛ a yɛte ase na yɛbɛtena ase akosi Awurade ba mu he nsane bɛ a bɛadeda he ho,


Ɔno Kristo ne wu maa yɛ sɛ ɔbɛyɔ a sɛ yɛte ase oo, sɛ yewu oo, yɛne no bɛtena ase.


Saa nti hommma yɛnneda sɛ binom, na mmom homma yɛnnwɛne na yɛ ani nna hɔ;


abɛka sɛ, “Ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka saa? Na afei ɔya he? Yɛ nananom awuwu dadaada, nso bibiaa te sɛ nea ɔte firii adebɔ mfitiaseɛ!”


Na, adɔfonom, hommma ho ani mpa nɔkwasɛm yi so sɛ, Awurade ani so he, da koro te sɛ mfie apem, na mfie apem nso te sɛ da koro.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ