Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Tesalonikafoɔ 4:11 - Apam Foforɔ

11 Honnyɛ gyegyeegye, honni ho fie asɛm, na homfa ho nsa nyɔ adwuma, sɛnea yɛahyɛ ho he,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Tesalonikafoɔ 4:11
23 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔte sɛ beema bi a ootu kwane, na oofiri fie he, ɔde ne nkoa sisii nnwuma ahodoɔ ano, na ɔhyɛɛ ponohwɛfoɔ sɛ ɔnwɛne.


Na esiane sɛ na ɔne bɛ yɔ adwuma korɔ nti, ɔtenaa bɛ fie yɔɔ adwuma, efiri sɛ na bɛyɛ ntomadanyɔfoɔ.


Yei nyinaa mu he mede ayɔ nhwɛsoɔ ama ho sɛ ɔsɛ sɛ yɛyɔ adwuma de boa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, na yɛkae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ, ‘Nhyira ya ma mu sene gyeɛ.’ ”


Honnyɛ mmɔdenmmɔ ho nyaa, honyɛ hye honhom mu, honsom Awurade!


Nti mede ayɛ me botae sɛ mɛka asɛmpa he, nyɛ baabi a bɛabɔ Kristo dini dada, na manto bi fapem so,


Na yɛbrɛ de yɛ ankasa yɛ nsa yɔ adwuma. Bɛdome yɛ a, yehyira bɛ, bɛtaa yɛ a, yegyina;


Ne saa nti sɛ yɛya ne nkyɛne oo, sɛ yenni ne nkyɛne oo, yɛ botae ne sɛ yɛbɛsɔ n’ani.


Korɔmfoɔ nyae korɔno bɔ; na mmom ɔmmɔ mmɔdene mfa ne nsa nyɔ adwuma pa, na woanya bibi de ama ahiafoɔ.


ahemfo ne nnipa a bɛwɔ diberɛ akɛseɛ nyinaa, na ama yɛabɔ ahobrɛaseɛ ne asomdwie bra, nyamesuro ne mudie nyinaa mu.


Ɔno akyi he, besua aniha, kyinkyini afie mu, na bɛnyɛ aniha nkoaa, na mmom bedi nsekuro a bɛnenam terɛterɛ keka nsɛm a ɔnsɛ sɛ bɛka.


Na ma yɛ nkurofoɔ nsua sɛ bebetu bɛ ho asi hɔ ama nnwuma pa na bɛde aboa nnoɔma a ohia paa, na bɛanyɛ nnipa a mfasoɔ nni bɛ so.


na mmom homma ɔnyɛ akoma a hode dwoɔ ne honhom a ɔyɛ dinn asiesie no. Ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani.


Nso ɔnsɛ sɛ ho mu biaa hu amane sɛ wudifoɔ anaa korɔmfoɔ anaa dwotwafoɔ anaa sɛmpɛfoɔ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ