5 Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɔnsɔ bio he, mesomaeɛ, na mahu ho gyidie mu, na amma sɛ ebia sɔhwɛfoɔ he asɔ ho ahwɛ, ama yɛ mmɔdenmmɔ adwuma he ayɛ kwa.
Nna bi akyi he Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ, “Bra, na yɛnsane nkɔ na yɛnkɔsra agyidifoɔ a bɛya nkuro he mu a yɛkaa Awurade asɛm kyerɛɛ bɛ he na yɛnhwɛ sɛnea bɛ ho teɛ.”
Hommfa ho ho nkame ho ho gye ho mmienu apene so sɛ hobɛtena ase berɛ kakra bi, de anya adaagye ama mpaebɔ, na hoabehyia bio. Honyɔ ne saa na Satan ansɔ ho nhwɛ, ɔnam ahohyɛsoɔ a honni nti.
Ɔnam adiyie bi so nti ne mekɔeɛ. Na mede asɛmpa a meka no Amanamane mufoɔ mu he too bɛ anim (mmom ɔyɛ mpanyimfoɔ a bɛagye bɛ atom he ne me ne bɛ yɔɔ kokoam nhyiamu), sɛnea ɔbɛyɛ a mirika a meetu, anaa nea metuiɛ he, ɔnyɛ kwa.
sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.
Nso seesei Timoteo firii ho nkyɛne baeɛ yi, ɔde ho gyidie ne ho dɔ ho asɛmpa abra yɛ. Ɔsane ka kyerɛɛ yɛ sɛ hokae yɛ daa na ho pɛ sɛ hohu yɛ—sɛnea yɛ pɛ sɛ yehu ho he.