Afei berɛ a Silas ne Timoteo nyinaa firii Makedonia beduruiɛ he, Paulo de ne berɛ nyinaa pae mu kaa asɛm he, na odii Yudafoɔ adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he.
Yei nti ne mesomaa Timoteo maa no baa honkyɛne, ɔno ne yɛ me ba dɔfoɔ ne nɔkwafoɔ Awurade mu, sɛ ɔnkae ho m’akwane Kristo Yesu mu, sɛdeɛ mekyerɛkyerɛɛ hyiadane biaa mu ya baabiaa he.
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so ne bɛayi no sɛ Kristo Yesu somafoɔ, ɔne yɛ nua Timoteo, twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a bɛya Korinto ɔne ahoteefoɔ nyinaa a bɛya Akaia mane nyinaa mu.
Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.