Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Tesalonikafoɔ 2:9 - Apam Foforɔ

9 Anuanom, hokae yɛ adwumadene ne brɛ sɛ yɛyɔɔ adwuma anadwo ne awia sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnyɛ adesoa mma ho berɛ a yɛɛpae mu aka Nyankopɔn asɛmpa he akyerɛ ho he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Tesalonikafoɔ 2:9
35 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nɔkwasɛm di, ewom sɛ Nyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre ma ho deɛ, nso ommu atɛntenenee mma bɛ a wayi bɛ a besu frɛ no awia ne anadwo he anaa? Nti, ɔbɛtwentwɛne ne nane ase bɛ ho anaa?


Nso seesei deɛ ɔyɛ kunafoɔ a wadi mfie aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, ɔde mmuadadie ne nkotosrɛ som Nyankopɔn, awia ne anadwo.


Na esiane sɛ na ɔne bɛ yɔ adwuma korɔ nti, ɔtenaa bɛ fie yɔɔ adwuma, efiri sɛ na bɛyɛ ntomadanyɔfoɔ.


Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.


Nti honwɛne na honkae sɛ mfie mmeɛnsa di, awia ne anadwo, mannyae sɛ mede nisuo betu ho mu biaa fo.


Paulo, Yesu Kristo akoa a bɛafrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ somafoɔ na bɛayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa he


sɛ mɛnyɛ Kristo somfoɔ mma Amanamane mufoɔ sɛ Nyankopɔn asɛmpa he ho asɔfodwuma, na Amanamane mufoɔ afɔrebɔ ayɛ nea Honhom Kronkron ate ho a ɔsɔ ani.


tumi a ɔyɔ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne, Nyankopɔn Honhom tumi mu, sɛ maawie Kristo asɛmpa he ka firi Yerusalem de kosi Iliriko.


Na yɛbrɛ de yɛ ankasa yɛ nsa yɔ adwuma. Bɛdome yɛ a, yehyira bɛ, bɛtaa yɛ a, yegyina;


Nso memfaa saa akwannya yi biaa nnii dwuma, na mentwerɛ yei sɛ bɛde bɛyɛ adwuma me fã mu. Mmom, nka mewu sene sɛ bi bɛma nea mede hoahoa me ho he ayɛ kwa!


Ɔne sɛ berɛ a meeka asɛmpa he, mede asɛmpa he bɛma kwa, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a memfa asɛmpa he ho tumi a mewɔ he nni dwuma kwammɔne so


adwuma ne brɛ mu, apesire mu, kɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔ ne adagya mu.


Na meya ho nkyɛne he a bibi hia me he, manyɛ adesoa amma biaa, efiri sɛ, anuanom a bɛya Makedonia de m’ahiadeɛ nyinaa maa me. Nɔkorem, manyɛ ho so adesoa bibiaa mu na mɛhwɛ sɛ menyɛ saa nso.


hweɛ mu, afiase nna mu, sakasaka mu, adwumadene mu, kɔdaanna mu, kɔm mu.


Na meya Tesalonika mpo he, hode nea mehia braa me prɛko ne ne mprenu so.


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.


saa ara nso ne yɛanhwehwɛ nnipa anim animuonyam amfiri ho nkyɛne anaa afoforɔ hɔ, mpo nka yebetumi ayɛ adesoa sɛ Kristo asomafoɔ


Yɛkɔ so bɔ mpaeɛ awia ne anadwo sɛ yebehu ho anim na yɛama ho gyidie ahyɛ ma.


Sɛnea ɔne nhyira Nyankopɔn he animuonyam asɛmpa a ɔde hyɛɛ me nsa he teɛ he.


Yei nti ne yɛyere yɛ ho na yɛpre, na yɛ anidasoɔ ne Nyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire bɛ a bɛgye di he Agyenkwa.


Kunafoɔ baa a onni boafoɔ he de n’ani to Nyankopɔn so na okura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia;


Meda Nyankopɔn a mede ahonim pa som no sɛdeɛ me nananom someeɛ he ase, berɛ a mekae wo me mpaebɔ mu, anadwo ne awia.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ