Bɛbɔɔ no asennua mu sɛ nipa a ɔmerɛ, nso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛ nso yɛyɛ mmerɛ ne mu deɛ, nso yɛne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase ho fam.
Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.