Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”
Yɛatwe yɛ ho afiri sum ase nnoɔma a ɔyɛ aniwuo he ho; yɛmma nnaadaa mma yɛ akwane mu; saa ara nso ne yɛmfra Nyankopɔn asɛm mu; na mmom yɛda nɔkorɛ he adi de di yɛ ho adanseɛ kyerɛ nnipa nyinaa ahonim ya Nyankopɔn anim.
Ɔnyɛ anansesɛm a bɛanwene ne yɛto kyerɛɛ ho berɛ a yɛkaa yɛ Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba he ho asɛm kyerɛɛ ho he, na mmom yɛde yɛ ani kann huiɛ n’animuonyam, na ɔno ho ne yedii adanseɛ kyerɛɛ ho.