Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Tesalonikafoɔ 2:2 - Apam Foforɔ

2 na ɔyam sɛ yedii kane huu amane na beguu yɛ anim ase ya Filipi deɛ, nso sɛdeɛ honim he, yenyaa akokoɔduro ya yɛ Nyankopɔn mu paee mu kaa Nyankopɔn asɛmpa, ɔmfa ho ne sɔretia kɛseɛ a ɔbaa yɛ so he mpo.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Tesalonikafoɔ 2:2
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na bɛtenaa hɔ berɛ pii de akokoɔduro kasa maa Awurade, na Awurade ankasa dii n’adom ho asɛm he ho adanseɛ denam nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ahodoɔ a ɔnam bɛ nsa so yɔeɛ he so.


Na berɛ a Amanamane mufoɔ ne Yudafoɔ ne bɛ sodifoɔ he nyinaa yɛɛ sɛ bɛɛbɛhyɛ bɛ aniɔyea na bɛasi bɛ aboɔ he,


Na yefirii hɔ he, yɛkɔɔ Filipi a ɔyɛ Roma atubrafoɔ kuro titire ya Makedonia mantam mu. Yɛtenaa saa kuro he mu nna kakra.


Na ne wuranom huu sɛ nea bɛ ani da so a ɔbɛma bɛ mfasoɔ he ahwere bɛ he, bɛsosɔɔ Paulo ne Silas mu twee bɛ kɔɔ dwa so kɔmaa atumfoɔ he.


Na Paulo buaa sɛ, “Bɛhwee yɛ badwam berɛ a yenni fɔ, nnipa a yɛyɛ Romafoɔ, na bɛde yɛ guu afiase, na afei deɛ beeyi yɛ kodɛɛ? Daabi da, na mmom ma bɛ ankasa mmra mmeyi yɛ.”


Afei Paulo ne Silas kɔfaa Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika, baabi a na Yudafoɔ hyiadane bi ya he.


Nti ɔne Yudafoɔ ne nnipa a aka a bɛsom Nyankopɔn he susuu nsɛm ho hyiadane he mu, na da biaa na ɔkɔ bɛ a obenya bɛ he nso nkyɛne dwa so.


Paulo kɔɔ hyiadane he mu, de akokoɔduro kasaeɛ, na bosome mmeɛnsa ne ɔkasaeɛ, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm a ɔtɔ asum.


Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.


Na yɛ mmom deɛ, nea yɛate na yɛahu he, yentumi nnyae ho asɛm ka da.”


Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


Befirii Sanhedrin he anim kɔeɛ, na bɛ ani gyee sɛ Yesu dini nti bɛfata sɛ begu bɛ anim ase.


Paulo, Yesu Kristo akoa a bɛafrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ somafoɔ na bɛayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa he


Ɔnam sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


Na mepɛ sɛ hohu apereapereɛ dendene a medi no ho ho ne bɛ a bɛya Laodikea ne bɛ a benhuu m’anim honam mu nyinaa nso ho.


efiri sɛ, yɛ asɛmpa he amma ho nkyɛne kwa, na mmom ɔbaa ahoɔdene ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛnea honim sɛ, ho nti, yɛbɔɔ yɛ bra faeɛ ho mu he.


ɔno nti ne mehu saa amaneɛ yi nso. Nso m’ani nwu ho, efiri sɛ menim nea maagye no adi, na menim sɛ obetumi akora nea mede ahyɛ ne nsa akosi Da he.


Adɔfonom, berɛ a meebɔ mmɔdene atwerɛ ho afa nkwagyeɛ a yɛ nyinaa te mu he ho he, mehuu sɛ ohia sɛ metwerɛ de fa hia ohia sɛ hoyere ho ho gyina gyidie a Nyankopɔn de ahyɛ ahoteefoɔ nsa prɛko he ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ