14 Na anuanom, hosuasuaa Nyankopɔn asafo a ɔya Yudea he ya Kristo Yesu mu, efiri sɛ hohu amane korɔ heaa ho nkurofoɔ nsam sɛnea behuiɛ ya Yudafoɔ nsam he,
Afei bɛ a ahohiahia a ɔnam Stefano so baeɛ he maa bɛbɔ hweteeɛ he kɔeɛaa kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia, nso bɛanka asɛm he ankyerɛ biaa sɛ Yudafoɔ nkoaa.
Saa berɛ heaa mu asafo a ɔyeya Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwie, na bɛyɛɛ nam. Na bere a bɛde Awurade suro ne Honhom Kronkron he awerekyekyerɛ nanteeɛ he, bɛkɔɔ so dɔreeɛ.
Nea ɔsɛ sɛ hoyɔ ne sɛ biaa bɛbɔ ne bra sɛdeɛ Awurade de maa no berɛ a Nyankopɔn frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ gyidini he. Saa ara ne mahyɛ ama asafo ahodoɔ he nyinaa.