Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Tesalonikafoɔ 2:12 - Apam Foforɔ

12 sɛ honnante sɛnea ɔsɛ Nyankopɔn a wafrɛ ho akɔ n’ahenie ne n’animuonyam mu he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Tesalonikafoɔ 2:12
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yenim sɛ bɛ a bɛdɔ Nyankopɔn he, bɛ a ɔnam ne pɛ so afrɛ bɛ he, ɔfa adeɛ nyinaa so di boa bɛ ma no wie bɛ yie.


Na bɛ a oyii bɛ sii hɔ he, ɔfrɛɛ bɛ nso; na bɛ a ɔfrɛɛ bɛ he, buu bɛ bem nso; na bɛ a obuu bɛ bem he, hyɛɛ bɛ animuonyam nso.


Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne Ba, yɛ Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa mu, he yɛ nɔkwafoɔ.


efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.


Hontena Honhom mu, nea meeka ne sɛ, honnnyɔ nea honam pɛ.


Nti afei me, Awurade mu deduani, mesrɛ ho sɛ hommɔ ho bra sɛnea ɔfata frɛ a bɛafrɛ ho he,


na hontena dɔ mu, sɛnea Kristo dɔɔ yɛ na ɔde ne ho maeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a oohwam ma Nyankopɔn, ɔnam yɛ nti.


Na kane he na hoyɛ sum, nso afei deɛ hoyɛ hann Awurade mu, nti hommɔ ho bra sɛ hann mma—


Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,


na hoabɔ bra a ɔfata Awurade, a ɔsɔ n’ani koraa, berɛ a hooso aba nnwuma pa nyinaa mu, na ho akɔ so anya Nyankopɔn ho nimdeɛ pii nso.


Sɛdeɛ hoagye Awurade Kristo Yesu he, saa ne hommɔ ho bra sɛ Kristo mu agyidifoɔ


Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.


na ama hoanya anidie wiasefoɔ anim na hoamfa ho ho anto biaa so.


berɛ a ɔbɛba ama bɛahyɛ no animuonyam n’ahoteefoɔ mu, na bɛahwɛ n’anwanwadeɛ a ada adi bɛ a bɛagye adi nyinaa mu, efiri sɛ bɛagye yɛ adanseɛ a yedii no ho ho he adi, da heaa mu.


nea ɔgyee yɛ na ɔde frɛ kronkron frɛɛ yɛ, ɔnyɛ yɛ nnwuma nti, na mmom ɔnam ɔnoaa ne tirimpɔ ne n’adom a ɔde mmaeɛ Kristo Yesu mu firi mmeresantene.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


Hommfa bɔne ntua bɔne so ka, na hommfa yea nso ntua yea so ka. Na mmom daa, honhyirahyira, efiri sɛ, ɔno ne bɛma ho anya nhyira.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Na Nyankopɔn nam ne tumi so akyɛ yɛ nnoɔma a ɔfa nkwa ne nyamesom-pa ho nyinaa, nea ɔnam ɔno ankasa ne ho nimdeɛ so afrɛ yɛ aba ɔnoaa n’animuonyam ne ne mmaninyɛ mu.


Ɔsɛ sɛ biaa a ɔka sɛ ɔte ne mu he bɔ ne bra sɛ ɔnoaa pɛpɛɛpɛ.


Bɛadi wo dɔ he ho adanseɛ asafo he anim. Mesrɛ wo, ma nea wode begya bɛ kwane he nyɛ adeɛ a ɔbɛsɔ Nyankopɔn ani,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ