Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.
sɛ biaa nyɔ ne nua bɔne anaa onsisi no asɛm yi mu, efiri sɛ Awurade yɛ katuafoɔ nnoɔma yeinom nyinaa mu, sɛnea yɛadi kane aka akyerɛ ho anibereɛ so he.
Nti anuanom yɛhyɛ ho nkurane sɛ, honkasa nkyerɛ bɛ a bɛnante basabasa, honhyɛ bɛ a bɛ akoma abubu nkurane, ho mmoa bɛ a bɛayɛ mmerɛ, honya abotrɛ mma bɛ nyinaa.
Nyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ a bɛayi bɛ he anim ne meebɔ wo kɔkɔ sɛ di saa nkyerɛkyerɛ yi so a wonhwɛ nnipa anim, na womfa ntɛnkyea nni dwuma biaa.
Nnipa a bɛanya bɛ ho wiase yi mu he, hyɛ bɛ sɛ mma bɛnnwene akokurokosɛm, saa nso ne bɛmmfa bɛ ho nto ahonyadeɛ a onni hɔ daa so, na mmom bɛmfa bɛ ho nto Nyankopɔn a ɔma yɛ nea yɛpɛ nyinaa ma ɔdɔɔso he so.
Na mma bɛ a bɛwɔ awuranom gyidifoɔ mmmu bɛ animtia sɛ bɛyɛ anuanom nti, na mmom bɛnsom bɛ yie, efiri sɛ bɛ a bɛsom bɛ he yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ. Yeinom ne kyerɛkyerɛ, na tu ho fo.