7 Sraani hwane ne ɔno ankasa ne tua ne ho ka? Hwane ne yɔ bobeturo na onni mu aduaba he bi? Anaa hwane ne hwɛ mmoa na ɔnnom bɛ nofosuo he bi?
Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.
Me ba Timoteo, mede saa ahyɛdeɛ yeinom ɔɔhyɛ wo nsa, sɛnea nkɔmhyɛ a ɔfa wo ho pɛɛ he kyerɛ he, na woadi akyire atumi ako ko pa he,
Ko gyidie ko pa he, sɔ daa nkwa a bɛfrɛ wo baa mu, berɛ a wogye too mu kwane pa so adansefoɔ bebree anim, he mu dene.
Maakõ kõ pa he, maawie mmirika he tu, maakura gyidie he mu.
Honyɛne nnwankuo a Nyankopɔn de bɛ ahyɛ ho nsa he, na honnyɔ no nhyɛ so, na mmom honyɔ no dɔ mu, sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ; ɔnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma pa mu.