6 Anaa me ne Barnaba deɛ, yenni ho kwane sɛ yegyae adwuma yɛyɔ pɛ yɛ ano aduane he?
Bɛ ho asɛm duruu asafo a ɔya Yerusalem he nkyɛne, na bɛsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia.
Na Yudafoɔ he hyɛɛ mmaa a bedi mu, ne mmeema atitire he kutupa ma bɛtaa Paulo ne Barnaba pamoo bɛ firi mpɔtamu hɔ.
Bɛfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso bɛfrɛɛ no Hemes, efiri sɛ ɔno ne na ɔyɛ kasamafoɔ.
Na esiane sɛ na ɔne bɛ yɔ adwuma korɔ nti, ɔtenaa bɛ fie yɔɔ adwuma, efiri sɛ na bɛyɛ ntomadanyɔfoɔ.
Nti Yosef a asomafoɔ he too ne dini Barnaba, a asekyerɛ ne Futufoɔ, Lewini a ofiri Kipro,
Na sɛ bi pɛ sɛ ɔgye yei ho akyinnye a, me deɛ nea mewɔ ka ne sɛ, yɛ deɛ yemmu saa bra he, na Nyankopɔn asafo ahodoɔ he nso nyɔ saa.
Mefom asafo binom adeɛ faeɛ sɛ akatua sɛ mede bɛsom ho.
Anuanom, hokae yɛ adwumadene ne brɛ sɛ yɛyɔɔ adwuma anadwo ne awia sɛnea ɔbɛyɛ a yɛnyɛ adesoa mma ho berɛ a yɛɛpae mu aka Nyankopɔn asɛmpa he akyerɛ ho he.