Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 9:18 - Apam Foforɔ

18 Ɔne sɛ berɛ a meeka asɛmpa he, mede asɛmpa he bɛma kwa, sɛdeɛ ɔbɛyɔ a memfa asɛmpa he ho tumi a mewɔ he nni dwuma kwammɔne so

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 9:18
16 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nea otwa he ɔɔgye akatua dada na ɔɔboaboa aba ano akɔ daa nkwam; na nea oduaeɛ ne nea otwaeɛ nyinaa ani agye abom.


Na esiane sɛ na ɔne bɛ yɔ adwuma korɔ nti, ɔtenaa bɛ fie yɔɔ adwuma, efiri sɛ na bɛyɛ ntomadanyɔfoɔ.


Sɛ aduane a wodi sɛe wo nua ahonim a, hedeɛ na ɔnyɛ dɔ mu ne woonante he. Mma aduane a wodi he nto bi a Kristo wu maa no he sintidua.


sɛdeɛ meyɔ sɛ mɛsɔ nnipa nyinaa ani nea meyɛ biaa mu he, ɔnyɛ me nkoaa me yieyɔ nti, na mmom, nnipa nyinaa deɛ nso, sɛdeɛ bebenya nkwa.


Nea odua ne nea ogugu so nsuo nyinaa wɔ botaeɛ baako, na biaa benya akatua sɛnea n’adwuma teɛ,


na bɛ a bɛ ne wiase wɔ bibi yɔ he nyɛ sɛ bɛ ne no nni hwee yɔ, efiri sɛ wiase yi ootwam.


Nso honhwɛ yie sɛ ho faahodie he ɔnyɛ sintidua mma bɛ a bɛyɛ mmerɛ he.


Sɛ nnipa binom wɔ ho kwane sɛ betwa honam mu mfasoɔ firi ho mu a, yenni ho kwane nkyɛne bɛ anaa? Nso ne nyinaa mu he, yɛmfaa saa akwanya yi so mpɛɛ mfasoɔ mfirii hɔ nkyɛne, yɛhyɛ yɛho so sene sɛ yɛde bibi besi Kristo asɛmpa he kwane.


Nso memfaa saa akwannya yi biaa nnii dwuma, na mentwerɛ yei sɛ bɛde bɛyɛ adwuma me fã mu. Mmom, nka mewu sene sɛ bi bɛma nea mede hoahoa me ho he ayɛ kwa!


Sɛ meyi me yam yɔ a, mewɔ akatua, sɛ nso meyɔ no amemenemfe mu a, ɔyɛ dɛaa asɛmpa he ho asodie da me so.


Na ɔnyɛ yɛ ho asɛm ne yɛka na mmom yɛpae mu ka sɛ Yesu Kristo yɛ Awurade na yɛ deɛ yɛyɛ ho nkoa Yesu nti;


saa ara nso ne yɛanhwehwɛ nnipa anim animuonyam amfiri ho nkyɛne anaa afoforɔ hɔ, mpo nka yebetumi ayɛ adesoa sɛ Kristo asomafoɔ


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ