Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 9:1 - Apam Foforɔ

1 Menne me ho anaa? Menyɛ somafoɔ anaa? Menhuu Yesu yɛ Awurade he anaa? Honnyɛ m’adwuma so aba Awurade mu anaa?

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 9:1
37 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Berɛ a bɛɛsom Awurade na bɛɛyɔ akɔmkyene he, Honhom Kronkron he kaa sɛ, “Honyi Barnaba ne Saulo mma me, na bɛnkɔ yɔ adwuma a mafrɛ bɛ sɛ bɛmmɛyɔ he.”


Na asomafoɔ Barnaba ne Paulo teeɛ he, besunsuanee bɛ ntaadeɛ mu tutuu mmirika kɔɔ nkurofoɔ he mu teaam sɛ,


Na kuro he mufoɔ he mu kyɛɛ mmienu, na binom kɔɔ Yudafoɔ he afa, na binom nso kɔɔ asomafoɔ he afa.


Saa anadwo he Awurade begyinaa ne nkyɛne kaa sɛ, “Nya akokoɔduro! Sɛnea wo adi me ho adanseɛ Yerusalem he, saa ara nso ne otwa sɛ wodi me ho adanseɛ Roma nso.”


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Si kwane so kɔ, efiri sɛ beema yi ne nea mayi sɛ ɔmfa me dini nkɔ amanamane ne ahene ne Israel mma nkyɛne.


Nti Anania kɔeɛ na ɔhyɛne fie he mu, na ɔde ne nsa guu no so kaa sɛ, “Me nua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo kwane a na wonam so ɔɔba so he ne asoma me, sɛnea ɔbɛyɛ a wobehu adeɛ bio na Honhom Kronkron ahyɛ wo ma.”


Afei ɔnam kwane he so ɔɔkɔ a ɔbene Damasko he, mpofiremuaa hann bi firi soro hyerɛn twaa ne ho hyiaeɛ.


Obisaa sɛ, “Wo ne hwane, owura?” Na ɔkaa sɛ, “Me ne Yesu, nea wootaa no he.


Paulo, Yesu Kristo akoa a bɛafrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ somafoɔ na bɛayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa he


Ɔno so ne yɛnam anya adom ne somafodwuma sɛ yɛde setie mu gyidie ɔɔbra Amanamane mufoɔ nyinaa ne dini nti,


Afei meekasa akyerɛ ho Amanamane mufoɔ. Esiane sɛ meyɛ somafoɔ ma Amanamane mufoɔ nti, mehyɛ me som animuonyam


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a bɛnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ɔne yɛ nua Sostene,


mekyerɛ foforɔ he ahonim nti, ɔnyɛ ho ahonim nti—honnni. Na mmɛ nti ne bi ahonim bu m’ahofadie ho atene?


Na sɛ mede aseda di a mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ bɛkasa tia me ɔnam bibi a mada ho ase ho?


Na sɛ bi pɛ sɛ ɔgye yei ho akyinnye a, me deɛ nea mewɔ ka ne sɛ, yɛ deɛ yemmu saa bra he, na Nyankopɔn asafo ahodoɔ he nso nyɔ saa.


Meduaeɛ, Apolo guguu so nsuo, na ɔyɛ Nyankopɔn ne maa ne nyiniiɛ.


Ɔyam sɛ mede me ho adeɛ nyinaa mu deɛ, maayɛ me ho akoa ama biaa, na manya bɛ nyinaa.


Honhwɛ deɛ ɔda hɔ pefee. Sɛ bi wɔ gyidie sɛ ɔyɛ Kristo deɛ a, ɔnkae sɛ, sɛdeɛ ɔyɛ Kristo deɛ he, saa ara ne yɛ nso yɛyɛ ne deɛ.


Nso mehu sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu.


Na yɛ a yɛne no bom yɔ adwuma he tu ho nso fo sɛ hommma Nyankopɔn adom a hoanya he nyɛ kwa;


Me Paulo a meyɛ somafoɔ a ɔnyɛ nipa ne yii me, na afei nso bɛamfa amfa nipa bi so ne yii me, na mmom Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he ne yii me,


Adehyedie nti ne Kristo ama yɛade yɛ ho. Nti, honnyina pintinn, hommfa ho ho nhyɛ nkoasom konnua ase bio.


saa ara nso ne yɛanhwehwɛ nnipa anim animuonyam amfiri ho nkyɛne anaa afoforɔ hɔ, mpo nka yebetumi ayɛ adesoa sɛ Kristo asomafoɔ


Yei nti ne beyii me sɛ sɛnkafoɔ ne somafoɔ (meeka nɔkorɛ; menni torɔ), amanamane mufoɔ kyerɛkyerɛni gyidie ne nɔkorɛ mu.


Saa asɛmpa yi nti ne bɛayi me sɛ sɛnkafoɔ ne somafoɔ ne kyerɛkyerɛfoɔ,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ