29 Anuanom, nea meeka ne sɛ, esiane sɛ bɛatwa berɛ no so tia nti, ofiri saa berɛ yi, ma bɛ a bɛwɔ yerɛnom nyɛ sɛ benni bi he,
Na foforɔ nso kaa sɛ, “Mewareɛ nkyereeɛ, nti mentumi mma.
Na sɛ woware a, wonyɔɔ bɔne, na sɛ babunu ware a, ɔnyɔɔ bɔne. Na bɛ a bɛware he fa abrabɔ mu ahohiahiam, na mempɛ sɛ hobɛfa mu bi.
na bɛ a beesu nyɛ sɛ bennsu, na bɛ a beedi ahurusie he nso nyɛ sɛ benni ahurusie, na bɛ a bɛɛtɔ nyɛ sɛ bɛnntɔ hwee,
na bɛ a bɛ ne wiase wɔ bibi yɔ he nyɛ sɛ bɛ ne no nni hwee yɔ, efiri sɛ wiase yi ootwam.
Sɛnea Twerɛsɛm he ka sɛ, “Nnipa nyinaa te sɛ serɛ; na bɛ animuonyam te sɛ nhwiren. Serɛ he wu ma ne nhwiren he pre gu,
Nnoɔma nyinaa awieeɛ abɛne. Saa nti homma ho adwene mu nna hɔ, na ho ani nna hɔ mma mpaeɛ.
Na wiase ne n’akɔnnɔ ootwam, nso nea ɔyɔ Nyankopɔn apɛdeɛ he tena hɔ daa.