Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 7:22 - Apam Foforɔ

22 Nipa a bɛfrɛɛ no Awurade mu he na ɔyɛ akoa he, waade ne ho a ɔyɛ Awurade dea, saa ara nso ne nea bɛfrɛ no he na ɔde ne ho he nso abɛyɛ akoa ama Kristo.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 7:22
18 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Paulo, Yesu Kristo akoa a bɛafrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ somafoɔ na bɛayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa he


Bɛfrɛɛ wo he na woyɛ akoa? Mma no nha wo koraa. Nso sɛ wobetumi ade wo ho nso a, de wo ho.


Ɔyam sɛ mede me ho adeɛ nyinaa mu deɛ, maayɛ me ho akoa ama biaa, na manya bɛ nyinaa.


Bɛ a benni mmara he meyɛɛ me ho sɛ menni mmara he ase maa bɛ (ɔnyɛ sɛ menni mmara Nyankopɔn anim, nɔkwasɛm ne sɛ, mehyɛ Kristo mmara ase) sɛdeɛ ɔbɛyɔ a mɛgye bɛ a benni mmara he.


Na afei, nnipa ne mepɛ sɛ bɛgye me tom anaa Nyankopɔn? Anaa mepɛ sɛ mesɔ nnipa ani? Sɛ meda so hwehwɛ sɛ mɛsɔ nnipa ani a, hedeɛ, na menyɛ Kristo akoa.


Adehyedie nti ne Kristo ama yɛade yɛ ho. Nti, honnyina pintinn, hommfa ho ho nhyɛ nkoasom konnua ase bio.


Na adehyedie mu ne bɛafrɛ ho aba, me nuanom; homma ahofadie he nyɛ akwannya mma honnyɔ bɔne, na mmom ho mfa dɔ so nyɛ nkoa ma ho ho,


Kristo Yesu somfo Epafra a ofiri ho mu he kyea ho. Daa odima ma ho dendenndene ya mpaebɔ mu, sɛ hobegyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na hoayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Wonya no sɛ akoa bio na mmom deɛ ɔsene saa; sɛ ɔmmɛyɛ nua dɔfo, titire ya me fam, nso ɔbɛyɔ ne ɔboro so saa ama wo honam fam, na afei Awurade mu nso.


Hontena ase sɛ nnipa a bɛde bɛ ho, na bɛmfa bɛ ahofadie he nyɔ bɔne biaa nso. Na hontena ase sɛ Nyankopɔn nkoa.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa a ɔsane yɛ ne somafoɔ twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a esiane yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo tenenee nti, bɛanya gyidie a ɔte sɛ yɛ deɛ heaa.


Yesu Kristo akoa Yuda a ɔyɛ Yakobo nua twerɛ krataa yi de kɔma bɛ a bɛafrɛ bɛ a Agya Nyankopɔn dɔ bɛ na bɛakora bɛ ama Yesu Kristo he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ