Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 6:9 - Apam Foforɔ

9 Honnim sɛ bɛ a bɛntene he, bennya Nyankopɔn ahennie he? Homma bɛnnaadaa ho! Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmeema a bɛbɔ ahuhubra, mmeema bɛ ne mmeema da,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 6:9
51 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na biaa a me dini nti, wagya afie anaa nuammeema anaa nuammaa, anaa papa anaa maame anaa mma, anaa nsaase hɔ he, obenya no mmɔho ha, na obenya daa nkwa nso.


Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Ɔkaa sɛ, “Honhwɛ yie na bɛannaadaa ho, efiri sɛ nnipa bebree de me dini bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Berɛ a bɛahyɛ he abɛne!’ Honnni bɛ akyi.


Na afei mede ho hyɛ Nyankopɔn ne asɛm a ɔfa n’adom he ho, asɛm a obetumi ahyɛ ho dene na ama hoanya agyapadeɛ bɛ a bɛate bɛ ho nyinaa mu.


Afei berɛ a Paulo kaa tenenee, ahohyɛsoɔ ne atemmuo a ɔbɛba ho asɛm he, hu kaa Felike ma ɔkaa sɛ, “Firi m’anim ha kɔ, na sɛ menya berɛ a mɛsane asoma abɛfrɛ wo.”


Na Nyankopɔn abufuo ayi adi atia bɛ a bɛde nnoɔma a ɔntene ne amumuyɔ berɛ nɔkorɛ he ase nyinaa.


Hommma bɛnnnaadaa ho: “Afeku bɔne sɛe bra pa.”


Anuanom, deɛ meeka ne sɛ: honam ne mogyaa ntumi nya Nyankopɔn ahennie, saa ne deɛ ɔporɔ ntumi nya deɛ ɔmporɔ.


Honnim sɛ hoyɛ Nyankopɔn asɔredane na Nyankopɔn Honhom te ho mu?


Bɛabɛka akyerɛ me sɛ adwamammɔ ya ho mu, bɛdɛ bi afa ne papa yerɛ; adwammammɔ a ɔte saa a bi nni annyeanniefoo mpo mu!


nso menkyerɛ sɛ, hontwe ho ho koraa mfiri adwamammɔfoɔ a bɛya wiase, anaa aniberefoɔ ne apoobɔfoɔ, anaa abosonsomfoɔ he ho, ɔno deɛ, nka ɔsɛ sɛ hofiri wiase yi mu kɔ.


Na afei metwerɛ ho sɛ, sɛ bi a ɔfrɛ ne ho gyidini yɛ dwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa bosonsonni anaa ntɔkwapɛfoɔ anaa nsadweam anaa korɔmfoɔ a, ho ne saa foɔ he mmɔ fekuo mpo, na ho ne no nnidi nso.


akorɔmfoɔ, aniberefoɔ, nsaborofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ, akwamukafoɔ, yei no mu bi a onnya Nyankopɔn ahennie.


Honnwane adwamammɔ! Na bɔne biaa a nipa yɔ he nni nipadua he, nso deɛ ɔbɔ adwamane he yɔ bɔne de tia nipadua he ankasa.


Anaa honnim sɛ ho nipadua yɛ Honhom Kronkron a honya firii Nyankopɔn hɔ a ɔte ho mu he asɔredane, na honne ho ho?


Honnim sɛ mmirikatufoɔ nyinaa si akane akansie mu, nso baako pɛ ne nya nkunim abotire he? Saa ara nso ne hontu mmirika sɛdeɛ hobedi nkunim.


Mesuro sɛ sɛ meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase ya ho anim, na magyam ho mu dodoɔ a hoayɔ bɔne na hoansakra ho adwene, ne adwamammɔ ne akohwisɛm nea bɛadi he ho.


Honnnaadaa ho ho, Nyankopɔn bensi no atwetwe, efiri sɛ, nea hobedua heaa ne hobɛtwa.


Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.


Honhwehwɛ asomdwie ho ne nnipa nyinaa ntam, ɔne kronkronyɛ a deɛ ɔkwati biaa ntumi nhu Awurade he.


Honhwɛ yie sɛ ho mu bi ɔnnyɛ sɛ Esau, dwamamfoɔ ne huhuni a aduane baako nti ɔtɔnoo ne mpanyinnie.


Homma nnipa nyinaa nni awareɛ nni, na honngu awareɛ mpa ho fi; efiri sɛ Nyankopɔn bebu adwamammɔfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛne.


Hommma bi nnaadaa ho, mma nkumaa. Nea ɔyɔ nea ɔtene he yɛ teneneeni sɛnea ɔno nso yɛ teneneeni he.


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ