6 Mmɛ nti ne nua de nua kɔ asennibea, bɛ a bɛnnye nni anim?
Na adeɛ kyeeɛ he ɔkɔtoo Israelfoɔ binom sɛ bɛɛko, na ɔbɔɔ mmɔdene sɛ ɔbɛka bɛ abom bio ama asomdwie aba bɛ ntam, na ɔkaa sɛ, “Mmeema, ho yɛ anuanom. Mmɛ nti ne hoyɔ ho ho bɔne yi?”
Sɛ ho mu bi ne yɔnko nya asɛm a, obesi ne bo de asɛm he akɔ asennibea, nipa a ɔntene anim, sene sɛ ɔde bɛkɔ teneneeni anim anaa?
Nɔkorɛ, mfomsoɔ anya aba ho mu sɛ, hone ho ho wɔ nsɛm. Mmɛ nti ne homma bɛnyɔ bɔne ntia ho mmom? Ɛɛne nti ne homma bensisi ho mmom?
Ho ne bɛ a bɛnnye nni nnya twaka biaa. Na mmɛ ayɔnkofa ne da tenenee ne amumuyɔ ntam? Anaa ayɔnkofa bɛneɛ ne da hann ne sum ntam?
Na abɛ koroyɛ ne da Kristo ne Bilia (kyerɛ sɛ ne amumuyɔ anaa ahuhudeɛ) ntam? Anaa abɛ twaka ne da gyidini ne deɛ ɔnnye nni ntam?
Na sɛ bi anhwɛ ɔnoaa ankasa n’abusuafoɔ, ne titire ne fiefoɔ a, waapa gyidie he, na deɛ ɔnnye nni mpo yɛ kyɛne no.