Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 6:3 - Apam Foforɔ

3 Honnim sɛ yebebu abɔfoɔ atene? Na sɛ ɔte saa a, daa daa asetena yi mu nnoɔma ne yentumi mmu ho atene anaa?

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 6:3
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


“Na honhwɛ ho ho so yie, na adidi mmorosoɔ ne nsaborɔ ne asetena mu dadwene anhyɛ ho akoma so, na da he ammɛto ho mpofirem te sɛ fidie,


Na nea oguu nkasɛe mu he ne bɛ a bɛte asɛm he, nso asetena yi mu dadwene ne ahonya ne anigyeɛ twetwe bɛ, na emia bɛ koraa ma nti sɛ bɛso aba mpo a aba he nyini nwie.


Honnim sɛ nea hode ho ho ma no na hotie no sɛ nkoa he, hoyɛ ne nkoa, sɛ bɔne a ɔkɔ wuom, anaa setie a ɔkɔ tenenee mu?


Honnim sɛ ho nnipadua he yɛ Kristo akwaa? Ɔsɛ sɛ mede Kristo akwaa yɛ adwamammɔ akwaa anaa? Daabi da!


Honnim sɛ deɛ ɔde ne ho abɔ dwamanmɔfoɔ he ne no yɛ baako? Efiri sɛ, bɛatwerɛ sɛ, “Na bɛ mmienu bɛyɛ honam baako.”


Anaa honnim sɛ ho nipadua yɛ Honhom Kronkron a honya firii Nyankopɔn hɔ a ɔte ho mu he asɔredane, na honne ho ho?


Na sɛ howɔ daa daa asetena yi mu nsɛm a ɔsɛ sɛ hodi a, nti annyeanniefoɔ a benni asafo he mu he ne hode bɛ bɛyɛ atemmuafoɔ?


Sraani biaa nni hɔ a ɔkɔ sa de asetena mu nsɛm bebare ne ho, sraani he botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɔ ne panyini ani.


Na Dema deɛ, ɔdɔ nnɛ wiase nti, waagya me hɔ kɔ Tesalonika; Kreske kɔ Galatia, Tito nso kɔ Dalmatia.


Nyankopɔn amfa abɔfoɔ a bɛyɔɔ bɔne he ho ankyɛ bɛ. Ɔtoo beguu Asamando amanehunu bunu mu, guu bɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, na hɔ ne bɛɛtwɛne atemmuo da he.


Na abɔfoɔ a bɛtraa bɛ tumi, na begyaa bɛ atenaeɛ he, bɛde daa nkɔnsɔnkɔnsɔn agugu bɛ ya sum kabii mu a Nyankopɔn de bɛ asie ɔɔtwɛne da kɛseɛ he atemmuo.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ