Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 5:11 - Apam Foforɔ

11 Na afei metwerɛ ho sɛ, sɛ bi a ɔfrɛ ne ho gyidini yɛ dwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa bosonsonni anaa ntɔkwapɛfoɔ anaa nsadweam anaa korɔmfoɔ a, ho ne saa foɔ he mmɔ fekuo mpo, na ho ne no nnidi nso.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 5:11
47 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Sɛ saa nipa he anntie bɛ a, ka kyerɛ asafo he; na sɛ saa nipa he antie asafo he nso a, fa no sɛ bi a ɔnnyɛ gyidini, na mmom togyeni.


“Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ honnue! Efiri sɛ, hohohoro kuruwaa ne ayowa ho, nso mu deɛ, adufudepɛ ne pɛsɛmenkomenya ahyɛ ma.


Farisini he sɔre gyinaeɛ, na ofirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ ne tim sɛ, ‘Nyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka he, apoobɔfoɔ, bɛ a bɛntene, awaresɛefoɔ, anaa togyeni yei mpo.


“Na honhwɛ ho ho so yie, na adidi mmorosoɔ ne nsaborɔ ne asetena mu dadwene anhyɛ ho akoma so, na da he ammɛto ho mpofirem te sɛ fidie,


Na nna he mu he Petro sɔre gyinaa agyidifoɔ he mfinimfini. Na nnipakuo a bɛahyia faako he bɛyɛ nnipa ha aduonu. Na ɔkaa sɛ,


Nti Anania kɔeɛ na ɔhyɛne fie he mu, na ɔde ne nsa guu no so kaa sɛ, “Me nua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo kwane a na wonam so ɔɔba so he ne asoma me, sɛnea ɔbɛyɛ a wobehu adeɛ bio na Honhom Kronkron ahyɛ wo ma.”


homma yɛmmɔ bra a ɔfata hann mma, ɔnyɛ agobɔne ne nsaboro mu, nyɛ adwamammɔ ne akohwie mu, nyɛ ntɔkwakoo ne aniberebereɛ mu.


Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho,


efiri sɛ binom di kane di bɛ aduane mee berɛ a kɔm de binom nso, na binom nso abro nsa.


Nyankopɔn bebu bɛ a bɛnka yɛ ho he atene. “Hontu tirimuɔdenfoɔ he mfiri ho mu.”


akorɔmfoɔ, aniberefoɔ, nsaborofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ, akwamukafoɔ, yei no mu bi a onnya Nyankopɔn ahennie.


Mmɛ nti ne nua de nua kɔ asennibea, bɛ a bɛnnye nni anim?


Honnim sɛ bɛ a bɛntene he, bennya Nyankopɔn ahennie he? Homma bɛnnaadaa ho! Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmeema a bɛbɔ ahuhubra, mmeema bɛ ne mmeema da,


Na bɛ a bɛaka he nso meeka akyerɛ bɛ—me ne meeka na ɔnyɛ Awurade—sɛ: Sɛ gyidini bi ware baa a ɔnyɛ gyidini, na baa he te aseɛ ne no tena a, mma onnyae no.


Nso sɛ deɛ ɔnnye nni he ka sɛ ɔɔkɔ a mmara biaa nkyekyere gyidini beema anaa gyidini baa he sɛ ɔntena saa awadeɛ he mu. Na Nyankopɔn afrɛ yɛ sɛ hontena asomdwie mu.


Hedeɛ na ɔnam wo nimdeɛ so na nipa ɔmmerɛ, a ne nti Kristo wuiɛ he bɛyera.


Ɔne sɛ, na ɔne Amanamane mufoɔ to nsa didi kosi berɛ a binom firi Yakobo nkyɛne baeɛ. Na afei bɛbaeɛ he, ɔtwee ne ho firii Amanamane mufoɔ he ho, efiri sɛ, na osuro bɛ a befiri twetiatwafoɔ mu baeɛ he.


Hommoro nsa, efiri sɛ ɔde basabasa ba; na mmom honhyɛ ma Honhom mu,


Honhu sɛ, adwamammɔfoɔ anaa nea ɔyɔ nnoɔma a ho nte biaa, anaa aniberefoɔ (meekyerɛ bosomsonni) biaa, nya kyɛfa biaa Kristo ne Nyankopɔn ahennie mu.


Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.


Na sɛ bi antie yɛ asɛm a ɔya krataa yi mu a, honhyɛ no nso, ho ne no mmɔ fekuo, na ama n’ani awu.


Afei anuanom, yɛhyɛ ho Awurade Yesu Kristo dini mu sɛ, hontwe ho ho mfiri nipa biaa a ɔnam basabasa, na onni nkyerɛkyerɛ a honyaa no yɛ nkyɛne he so.


na ɔnyɛ nsadweam, ɔnyɛ pupopupo na mmom ɔdwo, na afei ɔnyɛ ntɔkwapɛfoɔ anaa sikaniberɛ.


ne ntɔkwapɛ ba bɛ a porɔeɛ asɛe bɛ adwene a nɔkorɛ asapare bɛ na bɛdwene sɛ nyamesom pa yɛ adeɛ a bɛde pɛ mfasoɔ he mu.


Sɛ bi ba ho nkyɛne na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammra ho a, honnnye no nkɔ ho fie, na honnkyea no nka sɛ, “Asomdwie nka wo,”


Nso nsɛm kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi ya wo mu a bedi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi. Saa Bileam he ne kyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ bɛ adwamammɔ, nam so ma bɛyɔɔ bɔne he.


Nso nea mewɔ nsɛm bi tia wo: Wososɔɔ baa bi a ne dini de Isebel, a ɔfrɛ ne ho diyifoɔ he so. Saa baa yi kyerɛkyerɛ, na odi m’asomfoɔ anim ma bɛbɔ adwamane di abosom-nnuane.


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ