Mebɔɔ bɛ a bɛyɔɔ bɔne kane he ne bɛ a bɛaka he nyinaa kɔkɔ, saa nso ne seesei a menni ho hɔ he, meebɔ ho kɔkɔ, sɛnea meyɔɔ no berɛ a mebaa ho nkyɛne ne mprenu so he, sɛ meba bio a, menhu bɛ mmɔbɔ,
Yei nti ne menni ho nkyɛne he, meetwerɛ yei abra ho, na sɛ meba a, me ne ho anni no dendene, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhyɛ dene na memmfa nsɛe he teɛ.
Na metwerɛɛ asɛm yiaa braa ho, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a sɛ meba a, bɛ a ɔsɛ sɛ bɛma m’ani gye he mma me werɛ ɔnho; efiri sɛ mewɔ ho nyinaa mu awerɛhyɛmu, sɛ m’anigyeɛ bɛyɛ ho nyinaa anigyeɛ.
Na nyansa a ofiri soro he deɛ, deɛ odi kane ne sɛ, ho te, na afei ɔpɛ asomdwie, ɔdwo, ɔwɔ asoɔmmerɛ, ɔwɔ nteaseɛ; ahummɔborɔ ne aba pa ahyɛ no ma, a ɔnyɛ nyiyimu anaa nyaatwom kwane biaa so.
Mesrɛɛ Tito, na memaa ɔne onua baako baa ho nkyɛne. Tito ba besisii ho anaa? Ɔnyɛ Honhom baako heaa mu ne yɛnanteeɛ? Ɔnyɛ anammɔno baako mu ne yetiaeɛ?