Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 3:5 - Apam Foforɔ

5 Na Apolo ne hwane? Paulo [nso] ne hwane? Bɛyɛ asomfo a honam bɛ so bɛgye diiɛ, sɛnea Awurade de maa biaa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 3:5
30 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

ɔmaa baako sika dwetire mmɔho nnum, na foforɔ so mmɔho mmienu na foforɔ so baako, sɛdeɛ biaa ahoɔdene teɛ. Na ɔkɔɔ ne kwane.


sɛnea bɛ a befiri mfitiaseɛ de bɛ ani huiɛ na bɛyɛɛ asɛm he ho asomfoɔ he de abra yɛ he nti,


Yohane buaa sɛ, “Nipa ntumi nya bibi gye sɛ bɛde firi soro ama no.


Afei Yudani bi a bɛfrɛ no Apolo a ofiri Aleksandria, baa Efeso. Na Apolo yɛ bi a n’ano ate na onim twerɛsɛm mu paa nso.


Ɔbaa sɛ berɛ a Apolo ya Korinto he, Paulo faa mpɔtamu hɔ baabi baa Efeso, bɛtoo asuafoɔ bi.


sɛ mɛnyɛ Kristo somfoɔ mma Amanamane mufoɔ sɛ Nyankopɔn asɛmpa he ho asɔfodwuma, na Amanamane mufoɔ afɔrebɔ ayɛ nea Honhom Kronkron ate ho a ɔsɔ ani.


Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.


Afei, yɛ nua Apolo deɛ, metuu no fo dendenndene sɛ ɔne anuanom mmra ho nkyɛne, nso na ɔmpɛ sɛ ɔbɛba koraa seesei, na sɛ ɔnya kwane a ɔbɛba.


Nyankopɔn adom a manya he te sɛ dansifoɔ nyansani a metoo fapem, na bi foforɔ oosi bi asi so. Ɔsɛ sɛ biaa hwɛ yie sɛdeɛ ɔto so fa;


sɛ Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, wuo oo, seesei oo anaa daakye oo, ne nyinaa yɛ ho dea,


Ne saa nti, ɔnyɛ nea odua anaa nea ogugu so he ne ayɔ bibi, na mmom ɔyɛ Nyankopɔn a ɔma no nyini he a.


Sɛ meyi me yam yɔ a, mewɔ akatua, sɛ nso meyɔ no amemenemfe mu a, ɔyɛ dɛaa asɛmpa he ho asodie da me so.


Bɛyɛ Kristo asomfoɔ? Meyi ano te sɛ bɔdamni, meyɛ Kristo somafoɔ kyɛne bɛ: Brɛ adwuma a ɔboro so mu, afiaseda a ɔboro so mu, hweɛ a ɔtra so mu, wuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.


na hoda no adi sɛ, hoyɛ Kristo krataa a bɛnam yɛ so atwerɛ, krataa a bɛamfa adubire na mmom Nyankopɔn honhom ne bɛde atwerɛ, ɔnyɛ aboɔ pono so na mmom nnipa akoma pono so.


Ɔno ne wama yɛafata sɛ apam foforɔ mu asomfo, ɔnyɛ atwerɛeɛ mu na mmom Honhom mu; efiri sɛ, mmara atwerɛeɛ he bu fɔ kɔ wuom, na honhom he deɛ, ɔma nkwa.


Saa nti yɛmpa aba, osiane sɛ Nyankopɔn nam ne mmɔborɔhunu so ne de saa som adwuma yi ama yɛ.


Na ɔnyɛ yɛ ho asɛm ne yɛka na mmom yɛpae mu ka sɛ Yesu Kristo yɛ Awurade na yɛ deɛ yɛyɛ ho nkoa Yesu nti;


Nso yɛwɔ saa agyapadeɛ yi ya nɛteɛ anwenneɛ mu, na aada adi pefee sɛ, saa tumi a ɔboro so he yɛ Nyankopɔn deɛ, na mmom omfiri yɛ.


Yei nyinaa firi Nyankopɔn, ɔno ne nam Kristo so atwe yɛ abata ne ho, na ɔde mpata adwuma he ahyɛ yɛ nsa;


Na yɛ a yɛne no bom yɔ adwuma he tu ho nso fo sɛ hommma Nyankopɔn adom a hoanya he nyɛ kwa;


na adeɛ nyinaa mu yɛda yɛ ho adi sɛ Nyankopɔn asomfoɔ. Yɛafa Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyerɛ mu, atowerɛnkyɛm mu,


Mabɛyɛ saa asɛmpa yi ho somfoɔ sɛnea Nyankopɔn adom akyɛdeɛ teɛ, nea ɔde maa me sɛnea ne tumi yɔ adwuma he.


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


Mabɛyɛ asafo he somfo sɛnea Nyankopɔn adwuma a ɔde ahyɛ me nsa ho fam he teɛ, sɛ memma nnipa nhu Nyankopɔn asɛm he yie,


Meda Kristo Yesu yɛ Awurade a waahyɛ me dene he ase, sɛ waabu me nɔkwafoɔ na waayi me ama ne som adwuma,


Honhom mu adom a biaa anya he, onnyina so mfa nsom afoforɔ sɛ Nyankopɔn adom ahodoɔ he ho fie ahwɛfoɔ pa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ