Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 3:18 - Apam Foforɔ

18 Biaa nnnaadaa ne ho. Sɛ bi susu sɛ ɔyɛ nyansafoɔ wiase yi mu a, ɔnyɛ sɛ kwasea na wayɛ nyansafoɔ ampa,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 3:18
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na deɛ beguu no nkasɛe mu he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a, wiase adwendwene ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm he, na ne saa nti, ontumi nso aba biaa.


Nipa biaa a ɔbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra he, ɔno ne deɛ ɔyɛ kɛseɛ paa soro ahennie mu.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, nea ɔnnye Nyankopɔn ahennie he sɛ abɔfra he nkɔ mu da.”


Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a onnye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra kumaa he, kwane biaa so ɔnkɔ mu koraa.”


Ɔkaa sɛ, “Honhwɛ yie na bɛannaadaa ho, efiri sɛ nnipa bebree de me dini bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Berɛ a bɛahyɛ he abɛne!’ Honnni bɛ akyi.


Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.


Ho ne nnipa nyinaa ntena asomdwie mu; honnnyɛ ahantan, na mmom ho ne ahobrɛaseɛfoɔ nante; honnyɛ ahomasoɔ.


Hommma bɛnnnaadaa ho: “Afeku bɔne sɛe bra pa.”


Sɛ bi sɛe Nyankopɔn asɔredane a, Nyankopɔn bɛsɛe saa nipa he nso, efiri sɛ Nyankopɔn asɔredane yɛ kronkron, na hoaa ne saa asɔredane he.


Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, nso ho deɛ hoyɛ anyansafoɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nso ho ɔdene. Howɔ animuonyam, yɛ deɛ bebu yɛ animtia.


Honnim sɛ bɛ a bɛntene he, bennya Nyankopɔn ahennie he? Homma bɛnnaadaa ho! Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmeema a bɛbɔ ahuhubra, mmeema bɛ ne mmeema da,


Na sɛ bɛ a benni mu bu bɛ ho sɛ bedi mu a, bɛdaada bɛ ho.


Honnnaadaa ho ho, Nyankopɔn bensi no atwetwe, efiri sɛ, nea hobedua heaa ne hobɛtwa.


Hommma nnipa biaa mfa nsɛnhunu nnaadaa ho, efiri sɛ saa nnoɔma yi ne de Nyankopɔn abufuo ba asoɔdenfoɔ so.


Na nnipa bɔne sisifoɔ deɛ bɛkɔ bɛ anim bɔne mu, bɛbɛdaadaa binom na binom adaadaa bɛ nso.


efiri sɛ, berɛ bi a atwam a na yɛ nso yennim nyansa, na yɛyɛ asoɔdenfoɔ, na yɛamane afiri kwane pa he so, na yɛyɛ nkoa ma akɔnnɔ ahodoɔ ne anigyedeɛ he, yɛde nitane ne ahoɔyeya ne bɔɔ yɛ bra, a na yɛ ho yɛ ahi, tentanee yɛ ho yɛ ho.


Honyɛ asɛm he yɔfoɔ, na mmom honnyɛ atiefoɔ kɛkɛ, nnaadaa ho ho.


Sɛ bi dwene sɛ ɔyɛ nyamesomni, na woanto ne kɛtrɛma nnareka na mmom ɔdaadaa n’akoma a, na ne nyamesom he yɛ kwa.


Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛ ho, na nɔkorɛ he nni yɛ mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ