Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 2:14 - Apam Foforɔ

14 Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 2:14
36 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Firi me so kɔ, Satan! Woyɛ sintidua ma me; efiri sɛ woamfa w’adwene ansi Nyankopɔn so na mmom honam nnwuma so.”


Na bɛ mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne na waabɔ dam. Mmɛ nti ne hotie no?”


Ewom sɛ na waayɔ nsɛnkyerɛnne pii bɛ anim deɛ, nso bɛannye no anni.


Nɔkorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no he, efiri sɛ, onhu no, na onnim no nso. Na ho deɛ honim no, efiri sɛ ɔya ho nkyɛne, na ɔbɛtena ho mu.


Na Kyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me dini mu he, ɔno ne bɛkyerɛkyerɛ ho nnoɔma nyinaa na ɔbɛkae ho nea maka akyerɛ ho nyinaa.


“Sɛ Kyigyinafoɔ a mɛsoma no afiri Agya he nkyɛne aba ho hɔ he, Nɔkorɛ Honhom a ofiri Agya nkyɛne he nya ba a, ɔno ne bedi me ho adanseɛ.


Hobɛyɔ dɛ na hoagye adi berɛ a hogye animuonyam firi hoaa ho ho, na honnye animuonyam mfiri Nyankopɔn korɔ he nkyɛne?


Mmɛ nti ne ho nte nea meka he ase yi? Efiri sɛ hontumi ntie m’asɛm.


Na baa bi a bɛfrɛ no Lidia a ɔtɔno ntoma kɔkɔɔ a ofiri Tiatira na ɔsom Nyankopɔn he tiee yɛ asɛm he. Na Awurade biee n’akoma mu ma ɔyɛɛ aso maa nea Paulo kaeɛ he.


Nso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi ne no dii anobaabaeɛ, na binom kaa sɛ, “Mmɛ ne kasatentene wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?” Na binom nso kaa sɛ, “Gyama ɔka ananafoɔ abosom ho asɛm.” (Efiri sɛ, na ɔɔka Yesu ne wusɔreɛ he ho asɛmpa.)


Na bɛtee awufoɔ sɔreɛ he ho asɛm he, binom dii fɛw, na binom nso kaa sɛ, “Yebetie yei ho asɛm afiri wo nkyɛne bio berɛ foforɔ nso.”


Na mmom sɛ ɔyɛ nsɛm ne dini ne ho mmara ho akyinnyegyeɛ deɛ a, hedeɛ ho ankasa honhwɛ nka. Mempɛ sɛ mɛyɛ nsɛm yi ho temufoɔ.”


Ɔne sɛ, bɛne no dii anobaabaeɛ faa bɛ ankasa bɛ som ne Yesu bi a owuiɛ a Paulo ka dendenndene sɛ ɔte ase he ho.


Na asennua he ho asɛm he yɛ nkwaseasɛm ma bɛ a bɛɛyera, na yɛ a bɛɛgye yɛ nkwa he deɛ, ɔyɛ Nyankopɔn tumi ma yɛ;


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


Na yɛ deɛ, yɛka Kristo a bɛbɔɔ no asennuam he ho asɛm, ɔyɛ sintidua ma Yudafoɔ na ɔyɛ nkwaseasɛm ma Helafoɔ;


efiri sɛ nyansa ya Nyankopɔn nkwaseasɛm mu kyɛne nnipa nyansa, na Nyankopɔn mmerɛyɛ mu wɔ ahoɔdene kyɛne nnipa.


Bedua no kra nipadua mu, benyane no honhom nipadua mu. Sɛ honam nipadua ya hɔ a, saa ne honhom nipadua nso ya hɔ.


Nso ɔnyɛ honhom mu deɛ he ne di kane, na mmom honam he, ansa na honhom.


Na yɛ deɛ, ɔnyɛ wiase honhom ne yɛanya, na mmom honhom a ofiri Nyankopɔn mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a yɛbɛte akyɛdeɛ a Nyankopɔn de ama yɛ he ase.


Ne saa nti, anuanom, mantumi ne ho ankasa sɛ honhom mufoɔ, na mmom sɛ honam mufoɔ, Kristo mu nkokoa.


Saa nyansa yi mfiri soro, na mmom, ɔyɛ wiase nyansa a mfasoɔ biaa nni mu na ofiri ahonhommɔne.


Na ho deɛ, hoanya ngosra firi Kronkronni he hɔ, nti ho nyinaa howɔ nimdeɛ.


Na ho deɛ, ngosra a honyaa no ne nsa mu he te ho mu, nti onhia ho sɛ bi kyerɛkyerɛ ho; na mmom nea ngosra heaa kyerɛkyerɛ ho afa adeɛ nyinaa ho he, hontena deɛ wasra ho ngo he mu. Na nea wakyerɛkyerɛ ho he yɛ nɔkorɛ, na ɔnyɛ torɔ!


Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.


Yeinom ne nnipa a bɛnam bɛ akɔnnɔ so de mpaepaemu ba he. Na benni Honhom he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ