Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 2:13 - Apam Foforɔ

13 Na yɛka nnoɔma yi ho asɛm, ɔnyɛ deɛ nnipa nyansa kyerɛ, na mmom deɛ Honhom he akyerɛ, de kyerɛkyerɛ honhom nnoɔma ase kyerɛ bɛ a bɛya honhom mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 2:13
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na dɔno heaa mu Honhom Kronkron bɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔsɛ sɛ hoka.”


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


Ɔnyɛ asubɔ nti ne Kristo somaa me, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa he, ɔnyɛ kasaa mu nyansa mu, na Kristo asennua he anyɛ kwa.


Deɛ ɔka kasa foforɔ bi he nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Nyankopɔn; efiri sɛ biaa nte deɛ ɔka he ase, na ɔnam honhom he so ka ahintasɛm.


Na me nso, anuanom, berɛ a mebaa ho nkyɛne he, mamfa nyansa a ɔtra so ne bɛkaa Nyankopɔn ahintasɛm he.


Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.


Me kasaa ne m’asɛnka anyɛ nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛsɛm kwane so, na mmom Honhom ne tumi yikyerɛ mu,


Sɛ yeduaa honhom nnepa ya ho mu a, ɔboro so sɛ yebetwa honam mu mfasoɔ afiri ho mu anaa?


na homfa sankuo so nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ ho ho ho ho, honto nnwom na hommɔ sankuo ho akoma mu mma Awurade,


Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


Ɔnyɛ anansesɛm a bɛanwene ne yɛto kyerɛɛ ho berɛ a yɛkaa yɛ Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba he ho asɛm kyerɛɛ ho he, na mmom yɛde yɛ ani kann huiɛ n’animuonyam, na ɔno ho ne yedii adanseɛ kyerɛɛ ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ