Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 2:1 - Apam Foforɔ

1 Na me nso, anuanom, berɛ a mebaa ho nkyɛne he, mamfa nyansa a ɔtra so ne bɛkaa Nyankopɔn ahintasɛm he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 2:1
23 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na mmom medii Nyankopɔn fam adwensakra ne yɛ Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa.


Na mehuu Yesu sɛ ɔɔka akyerɛ me sɛ, ‘Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, efiri sɛ bɛmpene me ho adanseɛ a wodi he so.’


efiri sɛ nnipa a bɛte saa he nsom yɛ Awurade Kristo, na mmom bɛsom bɛ a bɛ akɔnnɔ, na bɛde kɛtrɛma dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa bɛ a bennim bɔne he akoma.


Afei Nyankopɔn a otumi hyɛ ho dene sɛnea m’asɛmpa he teɛ ne Yesu Kristo ho asɛnka, sɛnea adiyie ahintasɛm a bɛde siee teteete


Ɔnyɛ asubɔ nti ne Kristo somaa me, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa he, ɔnyɛ kasaa mu nyansa mu, na Kristo asennua he anyɛ kwa.


Na yɛka nnoɔma yi ho asɛm, ɔnyɛ deɛ nnipa nyansa kyerɛ, na mmom deɛ Honhom he akyerɛ, de kyerɛkyerɛ honhom nnoɔma ase kyerɛ bɛ a bɛya honhom mu.


Me kasaa ne m’asɛnka anyɛ nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛsɛm kwane so, na mmom Honhom ne tumi yikyerɛ mu,


Na mmom yɛka Nyankopɔn ho ahintasɛm ne nyansasɛm a bɛde asie, deɛ Nyankopɔn ka too hɔ ansa na ɔɔbɛhyɛ wiase ase, sɛ ɔde bɛhyɛ yɛ animuonyam he.


efiri sɛ, bɛka sɛ, “Ne krataa he mu oduru na tumi yam, nso ɔya yɛ ntam a, ɔmmerɛ, na ɔkasa nso a, bɛmfa n’asɛm nyɔ hwee.”


Na sɛ m’ano nteeɛ kasa mu mpo a, ɔnyɛ nimdeɛ mu; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛama bibiaa ada adi ama ho, nnipa nyinaa anim.


berɛ a ɔbɛba ama bɛahyɛ no animuonyam n’ahoteefoɔ mu, na bɛahwɛ n’anwanwadeɛ a ada adi bɛ a bɛagye adi nyinaa mu, efiri sɛ bɛagye yɛ adanseɛ a yedii no ho ho he adi, da heaa mu.


Sɛnea ɔne nhyira Nyankopɔn he animuonyam asɛmpa a ɔde hyɛɛ me nsa he teɛ he.


Nti mma w’ani nwu yɛ Awurade ho adansedie ne me, a meyɛ deduani he ho, na mmom hu asɛmpa he ho amaneɛ bi sɛdeɛ Nyankopɔn tumi teɛ he,


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


Na Yohane dii adanseɛ faa Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo ne nea ohuiɛ nyinaa ho.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ