Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 16:6 - Apam Foforɔ

6 Na ebia na matena ho nkyɛne kakraa bi anaa mpo medi awɔberɛ he nyinaa ya ho nkyɛne, na hoagya me kwane ama makɔ baabi a mɛkɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 16:6
11 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti asafo he gyaa bɛ kwane he, bɛkɔfaa Foinike ne Samaria kaa adwensakra a amanamane mufoɔ he anya he ho asɛm, na bɛmaa anuanom he nyinaa ani gyee kɛse.


Da biaa a metu kwane akɔ Spania he, m’ani da so sɛ, mɛfa hɔ a, mehu ho anim, na sɛ megye m’ani kakra ho nkyɛne a, hoagya me kwane akɔ hɔ.


Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko ba wo nkyɛne a, bɔ mmɔdene sɛ wobɛba me hɔ Nikopoli, efiri sɛ hɔ ne maabɔ me tim pɔ sɛ medi awɔ mmerɛ he.


Mepɛɛ sɛ, sɛ meekɔ Makedonia a, medi kane aba ho nkyɛne, na meesane aba nso a, mafa ho nkyɛne bio na hoagya me kwane ama makɔ Yudea.


nti mma biaa mmu no animtia. Honya no kwane asomdwie mu, na ɔmmra me nkyɛne, na meehwɛ ɔne anuanom binom anim.


Abosome mmeɛnsa akyi he, yɛforoo hyɛne bi a ofiri Aleksandria a obedii awɔberɛ supɔ he so a n’agyinahyɛdeɛ ne “Po so Abosom Ntaafoɔ”.


Osiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma bɛ sɛ bɛbɛtena hɔ awɔ berɛ mu he nti, nnipa he pii pɛɛ sɛ, sɛ ɔbɛyɛ yie a, nka hyɛne he betu afiri hɔ akɔ Foinike, a ɔyɛ hyɛngyinabea a ɔya Kreta a ɔda atifi ne anafoɔ ntam ya atɔeɛ fam, ɔyɛ baabi a bebetumi atena hɔ awɔberɛ mu.


Yɛ nna he soeɛ he, yefirii hɔ toaa yɛ akwantuo he so. Na bɛ nyinaa bɛne bɛ ayerɛ ne bɛ mma kogyaa yɛ kwane kosii kurotia. Na yebuu nkotodwe mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ


dii awerɛhoɔ ne titire ka a ɔkaa sɛ benhu no bio he ho. Na afei bɛde no kɔɔ kodoɔ he ho.


Bɛ a bekogyaa Paulo kwane he de no koduruu Atene. Na ɔmaa bɛ nkra sɛ bɛnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ bɛmmra ne nkyɛne ntɛm so he, befirii hɔ kɔeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ