2 Nnawɔtwe he mu da a odi kane biaa he, ho mu biaa nhwɛ deɛ wanya na onyi bibi nsie na ho mmoaboa ano, na amma sɛ berɛ a hobehu me hɔ he afei ne hoobɛgyegye ntoboa he.
Na saa da he yɛ nnawɔtwe he da a odi kane. Na nwunu dwoeɛ he, ewom sɛ na Yudafoɔ ho hu nti asuafoɔ he atoto apono mu baabi a na bɛya he deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfimfini, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho!”
Ne nnawɔtwe akyi he, na asuafoɔ he ya dane mu bio a na Toma nso ka ho. Ewom sɛ na bɛatoto apono he mu deɛ, nso Yesu ba begyinaa bɛ mfinfini, na ɔkaa sɛ, “Asomdwie nka ho!”
Da a odi nnanwɔtwe kane he, berɛ a na yɛahyiam oobubu paanoo he, Paulo firi aseɛ sɛ ɔne bɛ ɔɔkasa, efiri sɛ na waayɛ n’adwene sɛ adeɛ kye a obefiri hɔ. Nti ɔtoaa so kasaeɛ a kosii anadwo dasuom.