6 Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahenum berɛ korɔ mu, bemu dodoɔ da so te ase, ɔyam sɛ binom adeda deɛ.
Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro; honkɔ nkɔbɔ me nuanom amaneɛ sɛ bɛnkɔ Galilea; na bebehu me hɔ.”
Na honkɔ, nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ oodi ho anim kane Galilea, hɔ ne ho behu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ ho he.”
Na Dawid deɛ, ɔyɔɔ Nyankopɔn pɛ a bɛada no adi he ya ɔno ankasa n’awoɔ ntoatoasoɔ mu, na owuiɛ, na besiee no ɔnoaa ne nananom nkyɛne, na ɔporɔeɛ;
Afei, obuu nkotodwe de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Awurade, mmu bɔne yi ntia bɛ.” Na ɔkaa saa he ogyaam.
Na sɛ ɔte saa a, na bɛ a bɛadeda Kristo mu he nso he ayera.
Nso nɔkwasɛm ne sɛ, bɛanyane Kristo afiri awufoɔ mu, waayɛ bɛ a bɛawu nyinaa aba a odi kane.
Na anuanom, nea ɔfa bɛ a bɛawuwu he ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yesi ho so na ho werɛ anho sɛ, nnipa a bɛaka a benni anidasoɔ he.
Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu ne yɛka kyerɛ ho sɛ, yɛ a yɛte ase na yɛbɛtena ase akosi Awurade ba mu he nsane bɛ a bɛadeda he ho,
abɛka sɛ, “Ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka saa? Na afei ɔya he? Yɛ nananom awuwu dadaada, nso bibiaa te sɛ nea ɔte firii adebɔ mfitiaseɛ!”