57 Nso aseda nka Nyankopɔn a ɔnam Awurade Yesu Kristo so ama yɛ adi nkunim.
Maaka yeinom nyinaa akyerɛ ho sɛ ɔbɛyɛ a hobenya asomdwie me mu. Hobehyia taa wiase mu. Nso homma ho bo ntɔ ho yam; na maadi wiase so nkunim dada!
Paulo kasa wieeɛ he, ɔfaa paanoo bɔɔ mpaeɛ, daa Nyankopɔn ase bɛ nyinaa bɛ anim, na obuu bi diiɛ.
Aseda mfa yɛ Awurade Yesu Kristo so nka Nyankopɔn! Nti afei, m’adwene mu he meyɛ akoa ma Nyankopɔn mmara, nso me honam mu he meyɛ bɔne akoa.
Nso, yeinom nyinaa mu he yɛnam nea ɔdɔ yɛ he so adi nkunim.
Tie na mɛka wo ahintasɛm! Yɛ nyinaa yenwu, nso yɛ nyinaa bɛsesa,
Deɛ ho nso hobetumi ayɔ aboa ne sɛ hobɛsrɛ ama yɛ, na ama nnipa pii ada ase ama yɛ ya deɛ nnipa pii mpaebɔ nti bɛde adom yɛ he ho.
Nso aseda nka Nyankopɔn a odi yɛ asɛm daa ya yɛ ne Kristo nkunimdie santene he mu; ɔma yɛ so ma bɛte ne nimdeɛ hwa ya baabiaa.
Aseda nka Nyankopɔn a ɔnam n’akyɛdeɛ a onni kabea he nti.
na homfa aseda mma Agya Nyankopɔn daa adeɛ nyinaa mu, yɛ Awurade Yesu Kristo dini mu.
Nti sɛ mma he anya honam ne mogyaa korɔ he bi he, saa ne ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam wuo so betu deɛ ɔwɔ wuo tumi a ɔne Bronsam he agu,
Nso bɛnam Adwamaa he mogyaa so ne bɛ adanseɛ asɛm adi no so nkunim, na bɛannɔ bɛ kra, mpo de kosii wuo mu.
Na ɔbɛpepa bɛ aniwa mu nisuo nyinaa. Na wuo nni hɔ bio; na awerɛhoɔ ne su ne yeyaa biaa nni hɔ bio, efiri sɛ, kane nnoɔma he atwam.”