Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”
Saa berɛ heaa mu asafo a ɔyeya Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwie, na bɛyɛɛ nam. Na bere a bɛde Awurade suro ne Honhom Kronkron he awerekyekyerɛ nanteeɛ he, bɛkɔɔ so dɔreeɛ.
Deɛ otwa toɔ, anuanom, yɛsrɛ ho na yetu ho fo Awurade Yesu mu sɛ, hobesua sɛnea hobesi atena ase asɔ Nyankopɔn ani (sɛnea hooyɔ heaa), honkɔ so nyɔ no saa.
kyerɛkyerɛ bɛ sɛ ɔnsɛ sɛ bɛsɛe bɛ mmerɛ anansesɛm ne anatoɔ a onni awieeɛ a ɔde tekakyerɛ ba he ho; na saa nnoɔma yi mfa honhom mu nteteɛ a ofiri gyidie mu mma.
Na mma bɛ a bɛwɔ awuranom gyidifoɔ mmmu bɛ animtia sɛ bɛyɛ anuanom nti, na mmom bɛnsom bɛ yie, efiri sɛ bɛ a bɛsom bɛ he yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ. Yeinom ne kyerɛkyerɛ, na tu ho fo.
Ɔsɛ sɛ okura asɛm a ɔyɛ nɔkorɛ a ne nyinasoɔ ne nkyerɛkyerɛ pa he mu yie, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a obetumi de nkyerɛkyerɛ a odi mu atu fo na ɔde ayi bɛ a bɛkasa tia nɔkorɛ he atɛne nso.
hommma yennyae yɛ ho yɛ ho nhyiamu, sɛdeɛ binom agyae bɛ ho bɛ ho nhyiamu he, na mmom homma yɛnhyehyɛ yɛ ho yɛ ho nkurane, ne titire mmerɛ a yehu sɛ Da he abɛne.
Me nua gyidini Silwano ne boaa me ma metwerɛɛ saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ ho nkurane na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Nyankopɔn adom trodoo. Honnyina mu pintinn.