Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 14:1 - Apam Foforɔ

1 Honhwehwɛ dɔ akyi kwane na hommɔ honhom akyɛdeɛ ho mmɔdene, na ne titire honhwehwɛ sɛ hobetumi ahyɛ nkɔm.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 14:1
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yɛwɔ adom akyɛdeɛ a nsonsonoeɛ deda mu, sɛnea adom a bɛde adom yɛ he teɛ. Sɛ ɔyɛ nkɔmhyɛ a, ma no mfata sɛnea bɛasusu ho gyidie;


Nti homma yenni asomdwie ɔne nnoɔma a ɔma nkɔsoɔ akyi.


Afei deɛ ɛɛne ne yɛbɛka? Amanamane mufoɔ, a bɛanhwehwɛ tenenee he, bɛ nsa aka, ɔne sɛ, tenenee a ofiri gyidie mu;


Na deɛ ɔfa honhom fam nsɛm ho deɛ, anuanom, mempɛ sɛ mede bibiaa sie ho.


Na hompre mpɛ akyɛdeɛ a ɔkyɛne so he. Na mɛkyerɛ ho kwane a odi mu kyɛne so he.


Na afei gyidie, anidasoɔ ne dɔ, nnoɔma mmeɛnsa yi ne ya hɔ, na mu kɛseɛ paa ne dɔ.


Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ tumi, na meyɔ ahintasɛm ne nimdeɛ nyinaa mu nteaseɛ, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


Ne saa nti, kasa foforɔ nyɛ nsɛnkyerɛnne mma agyidifoɔ, na mmom ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ma bɛ a bɛnnye nni, na nkɔmhyɛ ya hɔ ma bɛ a bɛnnye nni na ɔnyɛ bɛ a bɛgye di.


Sɛ bi ka sɛ ɔyɛ diyifoɔ, anaa ɔwɔ honhom mu tumi a, ɔsɛ sɛ ohu sɛ deɛ meetwerɛ ama ho yi yɛ ahyɛdeɛ firi Nyankopɔn hɔ.


Nti anuanom, hommɔ adiyie ho mmɔdene na honnsi kasa ahodoɔ ka ho kwane;


Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Awurade Yesu Kristo Agya, nea ɔde honhom mu nhyira a ɔya soro nyinaa ahyira yɛ Kristo mu,


Mmu w’ani ngu akyɛdeɛ a ɔya wo mu he so, meekyerɛ akyɛdeɛ a ɔnam nkɔmhyɛ so baa wo so, berɛ a asafo mpanyimfoɔ badwa he de bɛ nsa guu wo so he.


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


Na wo, Nyankopɔn nnipa deɛ, po yeinom nyinaa; hwehwɛ tenenee, nyamesom-pa, gyidie, dɔ, yokoduru ne dwoɔ akyi kwane.


Nti dwane firi mmabunu berɛ mu akɔnnɔ ho na hwehwɛ tenenee, gyidie, dɔ ne asomdwie, wo ne bɛ a befiri akoma a mu te mu frɛ Awurade he.


Honhwehwɛ asomdwie ho ne nnipa nyinaa ntam, ɔne kronkronyɛ a deɛ ɔkwati biaa ntumi nhu Awurade he.


na homfa nuadɔ nka nyamesom pa ho; na homfa dɔ mapa nka nuadɔ ho.


Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ