Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho gyidie a osua nti a. Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, nka hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ ha a,’ obetutu; na bibiaa nni hɔ a hoontumi nyɔ.”
Ohuu borɔdoma dua bi kwane nkyɛne; na ɔkɔɔ ho sɛ ɔɔkɔ pɛ n’aba he bi, nso wanhu hwee dua he so sɛ ahahane nkoaa. Na ɔdomee dua he sɛ, “Wonso aba bio da!” Na borɔdoma he wuu amonom hɔaa.
Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ howɔ gyidie na honnye akyinnye a, nka nyɛ deɛ meyɔɔ borɔdoma dua yi nkoaa ne hobɛyɔ, na mmom sɛ hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kogu po mu a,’ ɔbɛyɔ hɔ.
Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.
Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.
Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.
Maayɛ sɛ kwasea! Ho ne hohyɛɛ me ma meyɔɔ saa. Nɔkorɛ di ɔsɛ sɛ nka hoyi me ayɛ, efiri sɛ asomafoɔ a hobu bɛ atitire he nkyɛne me bibiaa mu, nso menyɛ hwee mpo.
Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.