Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 13:1 - Apam Foforɔ

1 Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ kɛtrɛma kasa na menni dɔ a, mete sɛ twene a ɔyɔ dede anaa akasaa a ɔɔwoso.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 13:1
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na obebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛdeɛ hoannyɔ amma nkumaa yi mu baako he, saa ne hoannyɔ amma me nso.’


Na nsɛnkyerɛnne yeinom bedi bɛ a bɛbɛgye adi he akyi, bɛde me dini betutu ahonhommɔne, bɛbɛka kasa foforɔ.


Sɛ aduane a wodi sɛe wo nua ahonim a, hedeɛ na ɔnyɛ dɔ mu ne woonante he. Mma aduane a wodi he nto bi a Kristo wu maa no he sintidua.


bi nso ɔma no nsɛnkyerɛnne, foforɔ nso nkɔmhyɛ, na foforɔ nso honhom ahodoɔ mu nhunumu, bi nso ɔma no kasa hodoɔ, na bi nso ɔma no kasa hodoɔ nkyerɛaseɛ.


Na sɛ aso bɛka sɛ, “ɔnam sɛ menyɛ ani nti, menka nnipadua he ho a,” ɔnkyerɛ sɛ ɔnka nnipadua he ho.


Na ɔnam Honhom he so ma bi anyansasɛnka, bi nso ɔma no nimdesɛnka sɛdeɛ Honhom korɔ heaa pɛ.


Dɔ to ntwa da. Na nkɔmhyɛ deɛ, obetwam akɔ, kasa ahodoɔ nso bɛgyae; nimdeɛ nso bɛba awieeɛ,


Deɛ ɔka kasa foforɔ bi he nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Nyankopɔn; efiri sɛ biaa nte deɛ ɔka he ase, na ɔnam honhom he so ka ahintasɛm.


Deɛ ɔka kasa foforɔ bi he, ɔka de ma ɔnoaa ne nkɔsoɔ, nso deɛ hyɛ nkɔm he deɛ, ɔhyɛ ma asafo he nyinaa nkɔsoɔ.


Menya a nka ho nyinaa hoka kasa ahodoɔ, nso deɛ nka mepɛ paa ne sɛ hobɛhyɛ nkɔm. Deɛ hyɛ nkɔm he so kyɛne deɛ ka kasa ahodoɔ, gye sɛ bi kyerɛ aseɛ, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a asafo he benya nkɔsoɔ.


Na afei, nea mepɛ sɛ meka fa afɔdeɛ a bɛbɔ ma abosom ho di: yenim sɛ “yɛ nyinaa wɔ nimdeɛ.” Na saa nimdeɛ he ma ahomasoɔ, na dɔ deɛ, ɔma nkɔsoɔ.


behwimm no kɔɔ Paradise na ɔtee nsɛm a ɔnsɛ sɛ bɛbɔ so, na nipa nni ho kwane sɛ ɔka mpo.


Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Na afutusɛm he botae ne dɔ a ofiri akoma pa, ahonim pa ne nɔkorɛ gyidie mu ba.


Ne titire koraa he, honnodɔ ho ho yie, efiri sɛ, dɔ kata bɔne nyinaa so.


Na bɛkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biaa nni so, na bɛnam honam akɔnnɔ ne ahohwie so to bɛ a afei ne bɛatete bɛ ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho he mmradɛ.


Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuworoeɛ a ano ɔdene, na ɔte sɛ apranaa nso. Nne a meteeɛ he te sɛ nnwom a sankubɔfoɔ bi ɔɔbɔ no ne sankuo so.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ