4 Afei, adom akyɛdeɛ he gu ahodoɔ, nso Honhom korɔ heaa ne de ma;
Na deɛ ɔfa honhom fam nsɛm ho deɛ, anuanom, mempɛ sɛ mede bibiaa sie ho.
Na Nyankopɔn de binom asi asafo he mu, deɛ odi kane, Asomafoɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɔtɔ so mmeɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ; ansa na tumideɛyɔ, ansa na ayaresa akyɛdeɛ, mmoa ahodoɔ, akannie ahodoɔ, kasa hodoɔ.
na som nnwuma he nso gu ahodoɔ nso Awurade baako heaa ne de ma;
Menya a nka ho nyinaa hote sɛ me, nso biaa wɔ akyɛdeɛ sononko firi Nyankopɔn hɔ, bi wɔ yei, ne foforɔ nso wɔ yei.
Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,
berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.
Honhom mu adom a biaa anya he, onnyina so mfa nsom afoforɔ sɛ Nyankopɔn adom ahodoɔ he ho fie ahwɛfoɔ pa.