Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 11:16 - Apam Foforɔ

16 Na sɛ bi pɛ sɛ ɔgye yei ho akyinnye a, me deɛ nea mewɔ ka ne sɛ, yɛ deɛ yemmu saa bra he, na Nyankopɔn asafo ahodoɔ he nso nyɔ saa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 11:16
12 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nea bɛaka afa wo ho akyerɛ bɛ ne sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a bɛya Amanamane mu nyinaa sɛ bɛmmane mfiri Mose mmara he ho, na woka kyerɛ bɛ sɛ benntwa bɛ mma twetia na bennni amanneɛ he so.


Ka saa mmeema yi ho, na homfa nhyehyɛeɛ a ɔfa ahodwira ho he mu, na afei tua sika a ɔsɛ sɛ betua yi beti he kyɛ bɛ. Na yei bɛma biaa ahu sɛ wo ho asɛm a bɛteeɛ he nyɛ nɔkorɛ, na mmom wodi mmara he so na wo bɔ ho bane nso.


na mmom baa deɛ ogyina ne ti kusuu a, ɔhyɛ no animuonyam? Efiri sɛ bɛde nwi he ama baa he sɛ nkatasoɔ.


Na afei ɔfa toɔ a bɛgye ma ahoteefoɔ he ho deɛ, honni nhyehyɛeɛ a mede maa Galatia asafo ahodoɔ he.


Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.


Nea ɔsɛ sɛ hoyɔ ne sɛ biaa bɛbɔ ne bra sɛdeɛ Awurade de maa no berɛ a Nyankopɔn frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ gyidini he. Saa ara ne mahyɛ ama asafo ahodoɔ he nyinaa.


Menne me ho anaa? Menyɛ somafoɔ anaa? Menhuu Yesu yɛ Awurade he anaa? Honnyɛ m’adwuma so aba Awurade mu anaa?


Anaa me ne Barnaba deɛ, yenni ho kwane sɛ yegyae adwuma yɛyɔ pɛ yɛ ano aduane he?


Na anuanom, hosuasuaa Nyankopɔn asafo a ɔya Yudea he ya Kristo Yesu mu, efiri sɛ hohu amane korɔ heaa ho nkurofoɔ nsam sɛnea behuiɛ ya Yudafoɔ nsam he,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ