Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 10:11 - Apam Foforɔ

11 Nnoɔma yeinom nyinaa too bɛ sɛ ɔbɛyɛ nhwɛsodeɛ, na bɛatwerɛ sɛ ɔbɛyɛ kɔkɔbɔ ama yɛ, yɛ a yɛya awieeɛ berɛ mu yi.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 10:11
17 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na tamfoɔ a oduaa wuraa he ne Bronsam; twaberɛ he ne awieeɛ berɛ, na twafoɔ he ne abɔfoɔ.


Sɛnea bɛboaboa wuraa na bɛde gya hye he, saa ara na ɔbɛyɔ awieeɛ berɛ he nso.


Yeinom nyinaa akyi he, honim sɛnea berɛ he teɛ, sɛ saa berɛ yi ne ɔsɛ sɛ hosɔre firi ho nna mu; efiri sɛ nkwagyeɛ bɛne yɛ kyɛne berɛ a yɛbɛyɛɛ agyidifoɔ;


anadwo akɔ n’anim, adekyeɛ abɛne. Saa nti ho ma yɛnto sum nnwuma ngu na yɛmfa hann akodeɛ;


Efiri sɛ nea bɛtwerɛɛ no kane nna he mu he bɛtwerɛɛ sɛ ɔnyɛ nkyerɛkyerɛ mma yɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔnam twerɛsɛm he so bɛma yɛ boasetɔ ne awerekyekyerɛ ama yɛaya anidasoɔ.


Afei nsɛm a ɔka sɛ, “Nyankopɔn buu ne gyidie sɛ tenenee maa no” he, bɛantwerɛ amma ɔno nkoaa,


Na nnoɔma yei siiɛ, de yɔɔ nhwɛsodeɛ maa yɛ, sɛdeɛ yɛ kɔno ɔnnɔ bɔne sɛnea bɛ akɔnnɔ maa bɛ yɔeɛ he.


Anuanom, nea meeka ne sɛ, esiane sɛ bɛatwa berɛ no so tia nti, ofiri saa berɛ yi, ma bɛ a bɛwɔ yerɛnom nyɛ sɛ benni bi he,


Anaa nyɛ yɛ nti ne ɔka saa? Nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ nti ne ɔtwerɛɛ saa, ɔsɛ deɛ ofuntum asaase he sɛ ofuntum no anidasoɔ mu, na deɛ ɔporo aburo he nso poro no anidasoɔ mu sɛ obenya bi.


Afei yei yɛ mfantoho: saa mmaa mmienu yi gyina hɔ ma apam mmienu. Nɔkwasɛm, baa he mu baako a ɔno ne Hagar a ofiri Sinai Bepɔ so, woo mma guu nkoasom mu.


Homma nnipa nyinaa nhu ho dwoɔ. Awurade abɛne.


hommma yennyae yɛ ho yɛ ho nhyiamu, sɛdeɛ binom agyae bɛ ho bɛ ho nhyiamu he, na mmom homma yɛnhyehyɛ yɛ ho yɛ ho nkurane, ne titire mmerɛ a yehu sɛ Da he abɛne.


Na “aka kakraa bi, deɛ ɔɔba he bɛba, na ɔnkyɛre koraa;


Me mma nkumaa, awieeɛ he abɛne. Bɛka kyerɛɛ ho sɛ Kristo-kotiafoɔ he bɛba, nso seesei, nnipa bebree aba a bɛko tia Kristo. Yei nti yɛahu sɛ ampa awieeɛ he abɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ