Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 1:8 - Apam Foforɔ

8 Ɔno Nyankopɔn ankasa nso bɛhyɛ ho dene akosi awieeɛ, na ho ho amma asɛm Awurade Yesu Kristo da he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 1:8
29 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na sɛnea anyinam ma ne hann hyerɛn firi soro ase fã bi kɔ soro aseɛ fã foforɔ he, saa ne nipa Ba he bɛyɛ ne nna he mu.


Saa ne ɔbɛyɛ da a bebeyi nipa Ba he adi he.


Wo ne hwane sɛ wobebu bi akoa atɛne? Ɔyɛ bɛ wura he ankasa ne bɛkyerɛ sɛ nea bɛayɔ he yɛ anaa ɔnyɛ; efiri sɛ nɔkorem he Awurade betumi ama bɛagyina


Afei Nyankopɔn a otumi hyɛ ho dene sɛnea m’asɛmpa he teɛ ne Yesu Kristo ho asɛnka, sɛnea adiyie ahintasɛm a bɛde siee teteete


Na abɔdeɛ he de anigyina ɔɔtwɛne Nyankopɔn mma ahoyie dendenndene;


dansifoɔ biaa adwuma bɛda adi, na Da he bɛda no adi, efiri sɛ gya ne bɛde beyi no adi, na gya he bɛsɔ biaa adwuma a waayɔ ahwɛ.


ɔsɛ sɛ hode saa nipa he hyɛ Satan nsa na ama ne honam he sɛe, na ne kra anya nkwa Awurade da he.


Na yɛntwerɛ bibiaa mma ho gye dea hobetumi akenkane na hoate aseɛ nso; mewɔ anidasoɔ sɛ hobɛte aseɛ akosi awieeɛ.


Sɛdeɛ hoate yɛ aseɛ kwane bi so he, sɛ Awurade Yesu da he, yɛyɛ ho ahohoahoa sɛdeɛ ho nso hoyɛ yɛ ahohoahoa.


Na Nyankopɔn ne si so dua sɛ yɛ ne ho yɛ Kristo dea, na waayi yɛ Nyankopɔn mu.


na ɔde no asi hɔ ama ne ho animuonyam mu a dɛmdie, nkekaeɛ, anaa bibiaa a ɔte saa nni ne ho, na mmom ayɛ kronkron a onni dɛm biaa.


na hoapɛɛpɛɛ mu ahu deɛ ɔyɛ paa, na ho ho ate a nkekaeɛ biaa nni ho ho de akosi Kristo da he,


Na mewɔ awerɛhyɛmu sɛ, nea wahyɛ adwuma pa ase ho mu he bɛtoa soaa kosi sɛ obewie no Yesu Kristo da he mu.


afei deɛ Kristo nam ne honam mu wuo so apata ho ne no ntam, na ama ɔde ho akɔ Nyankopɔn anim sɛ nnipa kronkron a dɛm ne asɛm biaa nni ho ho;


a bɛagye ahini, na bɛde bɛ ani asi Kristo so, na bɛayɛ dene gyidie mu, sɛdeɛ bɛkyerɛɛ ho heaa, na ho aseda adɔɔso.


Na ɔnhyɛ ho akoma dene kronkronyɛ mapa mu sɛ ho ho mma asɛm yɛ Nyankopɔn ne Agya he anim ya Awurade Yesu, ne ahoteefoɔ mmaeɛ he mu.


Efiri sɛ ho ankasa honim yie sɛ Awurade bɛba berɛ a nnipa ani nni bɛ ho so te sɛnea korɔmfoɔ ba anadwo he.


hommma bɛmfa honhom anaa asɛm anaa nwoma a bɛka sɛ ofiri yɛ nkyɛne, sɛ ebia Awurade da he anya aduru, nnaadaa ho anaa mmɔ ho hu, berɛ a honyɔɔ nhwehwɛmu.


Nso nɔkwafoɔ ne Awurade; ɔbɛhyɛ ho dene na wabɔ ho ho bane afiri sɛefoɔ he ho.


ɔno nti ne mehu saa amaneɛ yi nso. Nso m’ani nwu ho, efiri sɛ menim nea maagye no adi, na menim sɛ obetumi akora nea mede ahyɛ ne nsa akosi Da he.


Awurade Yesu Kristo mma honya Nyankopɔn hɔ mmɔborɔhunu Da he! Na som a ɔsom Efeso he woaa wonim.


Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.


Na Awurade da he bɛba mpofirem te sɛ korɔmfoɔ ɔɔba he. Saa da he, soro bɛbobom dendene na ayera, na wiem nnoɔma bɛhye na asɛe, na bɛapa asaase ne so nnwuma nyinaa nso ho ntoma.


Nti, adɔfonom, hogu so ɔɔtwɛne da he yi, hommɔ mmɔdene sɛ hobɛyɛ nnipa kronkron a mfomsoɔ biaa nni ho ho ya Nyankopɔn anim na ho ne no atena asomdwie mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ