Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 1:23 - Apam Foforɔ

23 Na yɛ deɛ, yɛka Kristo a bɛbɔɔ no asennuam he ho asɛm, ɔyɛ sintidua ma Yudafoɔ na ɔyɛ nkwaseasɛm ma Helafoɔ;

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 1:23
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔyɛɛ sintidua maa bɛ. Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anidie mmɔ diyifoɔ biaa gye sɛ ne mane mu ne ne fie.”


Afei Simeon hyiraa bɛ, na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Hwɛ! Yei ne bɛayi no ama Israelfoɔ bebree sɛ ɔnam ne so nti bɛbɛhwe ase na bebree nso bɛsɔre. Na ɔno nso ne bɛyɛ nsɛnkyerɛnne a bɛbɛkasa atia,


Na asennua he ho asɛm he yɛ nkwaseasɛm ma bɛ a bɛɛyera, na yɛ a bɛɛgye yɛ nkwa he deɛ, ɔyɛ Nyankopɔn tumi ma yɛ;


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


Na Nyankopɔn fa wiase yi mu adeɛ a ɔnsɛ hwee ne nea bebu no animtia, nnoɔma a onni hɔ de brɛ deɛ ɔya hɔ he ase,


Bɛ a Honhom he nni bɛ mu he, bennya Nyankopɔn honhom akyɛdeɛ, efiri sɛ ɔyɛ nkwaseasɛm ma bɛ, na bentumi nte aseɛ efiri sɛ saa akyɛdeɛ he mu nhunumu yɛ honhom mu asɛm.


Na mmom nɛbɔɔ me tim pɔ sɛ memmfa m’adwene nsi bibiaa so ka Yesu Kristo, ne bɔ a bɛbɔɔ no asennua mu he ho.


Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, nso ho deɛ hoyɛ anyansafoɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛ, nso ho ɔdene. Howɔ animuonyam, yɛ deɛ bebu yɛ animtia.


Na ɔnyɛ yɛ ho asɛm ne yɛka na mmom yɛpae mu ka sɛ Yesu Kristo yɛ Awurade na yɛ deɛ yɛyɛ ho nkoa Yesu nti;


O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!


Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so ka twetiatwa ho asɛm a nka mmɛ nti ne bɛda so taa me? Sɛ nka meda so ka twetiatwa ho asɛm a, hedeɛ na nka asennua he nto sintidua bio.


Menhoahoa me ho bibiaa ho ka yɛ Awurade Yesu Kristo asennua a ɔnam so abɔ wiase asennua mu ama me, na me nso bɛabɔ me asennua mu ama wiase.


Ewom sɛ me ne ahoteefoɔ he nyinaa mu kumaa koraa, nso bɛde adom yi maa me sɛ memfa so nna asɛm a ɔyɛ Kristo ahonya mu a onni hwehwɛbea he adi nkyerɛ amanamane mufoɔ.


nhwɛ, Yesu a ɔyɛ yɛ gyidie farebae na ɔno nso ne ma no wie pɛyɛ, ɔno ne hwɛɛ anigyeɛ a ɔda n’anim he na ɔde boasetɔ huu asennua he ho amaneɛ, na obuu n’ani guu ho aniwuo so. Ne saa nti, waagye n’adwa Nyankopɔn ahennie he nifa.


ne sintiboɔ ne sintiduatoɔ botane ama bɛ. Bɛne besonti, efiri sɛ bɛanyɛ setie amma asɛm he. Ɔno nti na beyii bɛ maeɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ