Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 1:20 - Apam Foforɔ

20 Na afei nyansani ya he? Twerɛfoɔ ya he? Wiase yi kyinnyefoɔ nso ya he? Nti Nyankopɔn nnanee wiase nyansa nkwaseasɛm anaa?

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 1:20
28 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na deɛ beguu no nkasɛe mu he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a, wiase adwendwene ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm he, na ne saa nti, ontumi nso aba biaa.


Afei ne beebebu wiase atɛne; afei ne beebetu wiase sodifoɔ afiri hɔ.


Nso Epikurofoɔ ne Stoafoɔ nyansapɛfoɔ bi ne no dii anobaabaeɛ, na binom kaa sɛ, “Mmɛ ne kasatentene wura yi pɛ sɛ ɔkyerɛ koraa yi?” Na binom nso kaa sɛ, “Gyama ɔka ananafoɔ abosom ho asɛm.” (Efiri sɛ, na ɔɔka Yesu ne wusɔreɛ he ho asɛmpa.)


Ewom sɛ Nyankopɔn daa tumi ne ne nyamesu yɛ adeɛ a ani nhu deɛ, nso ofiri adebɔ mfitiaseɛ he, ne nnoɔma a wayɔ he ada no adi pefee, ama bɛde adwene ahu mu. Nti benni anoyie biaa;


Besusuu sɛ bɛwɔ nyansa, nso bɛdanee nkwaseafoɔ;


efiri sɛ, bɛatwerɛ sɛ: “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mama animdefoɔ nimdeɛ ayɛ kwa.”


Anuanom, hoaa hoahu no hofrɛ he mu sɛ ɔnyɛ honam fam anyansafoɔ, na ɔnyɛ atumfoɔ anaa adehyeɛ ne ɔfrɛɛ bɛ;


na Nyankopɔn fa deɛ wiase bu no sɛ nkwaseadeɛ de hyɛ anyansafoɔ aniwuo; Nyankopɔn fa deɛ ɔmmerɛ wiase de hyɛ ahoɔdenfoɔ aniwuo.


Na Nyankopɔn fa wiase yi mu adeɛ a ɔnsɛ hwee ne nea bebu no animtia, nnoɔma a onni hɔ de brɛ deɛ ɔya hɔ he ase,


Nso sɛ Awurade bu yɛ atɛne a, ɔtwe yɛaso sɛdeɛ yɛ ne wiase ɔɔnsɛe.


Nso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ bɛ a bɛanyini honhom fam, na ɔyɛ nyansa a ɔnyɛ wiase yi deɛ anaa wiase atumfoɔ a bɛbɛsɛe bɛ he deɛ.


Wiase yi anyansafoɔ biaa ante yei ase; sɛ bɛtee aseɛ a, nka bɛammɔ animuonyam Wura he asennua mu.


Biaa nnnaadaa ne ho. Sɛ bi susu sɛ ɔyɛ nyansafoɔ wiase yi mu a, ɔnyɛ sɛ kwasea na wayɛ nyansafoɔ ampa,


efiri sɛ wiase yi mu nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Nyankopɔn. Na bɛatwerɛ sɛ, “Ɔkye anyansafoɔ bɛ aniteɛ mu”


Honnim sɛ ahoteefoɔ ne bebu wiase atene? Na sɛ hobebu wiase atene a, ɔmfata ho sɛ hodi nsɛm nketewa anaa?


Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ