14 Meda Nyankopɔn ase sɛ mammɔ ho mu biaa asu ka Krispo ne Gaio ho,
Nti ɔhyɛɛ ma bɛbɔɔ bɛ asu Yesu Kristo dini mu. Afei bɛsrɛɛ no sɛ onni nna kakra bɛ nkyɛne.
Krispo a na ɔyɛ hyiadane he mu panyini ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ. Na Korintofoɔ he a betie Paulo he nso gye diiɛ na bɛbɔɔ bɛ asu.
Gaio a ɔyɛ me ne asafo he nyinaa fiewura nso kyea ho. Erasto, kurom ha sikakorafoɔ, ne yɛ nua beema Kwarto nso kyea ho.
na amma bi anka sɛ bɛabɔ no asu ahyɛ me dini mu.
Meda me Nyankopɔn ase daa ma ho esiane Nyankopɔn adom a ɔde ama ho Yesu Kristo mu,
Meda Nyankopɔn ase sɛ meka kasa hodoɔ sene ho nyinaa;
Nso aseda nka Nyankopɔn a odi yɛ asɛm daa ya yɛ ne Kristo nkunimdie santene he mu; ɔma yɛ so ma bɛte ne nimdeɛ hwa ya baabiaa.
na homfa aseda mma Agya Nyankopɔn daa adeɛ nyinaa mu, yɛ Awurade Yesu Kristo dini mu.
Na homma Kristo asomdwie nni hene ho akoma mu, na ɔno mu ne bɛafrɛ ho aba nipadua baako mu. Na honnyɛ boniayɛfoɔ.
Na nea hobɛyɔ biaa, kasa mu oo, nneyɔeɛ mu oo, honyɔ bibiaa Awurade Yesu dini mu, na homfa ne so mfa aseda mma Agya Nyankopɔn.
honna ase tebea nyinaa mu; na yei ne Nyankopɔn pɛ ya ho fa mu, Kristo Yesu mu.
Meda Kristo Yesu yɛ Awurade a waahyɛ me dene he ase, sɛ waabu me nɔkwafoɔ na waayi me ama ne som adwuma,
Berɛ biaa a mɛkae wo me mpaebɔ mu he, meda me Nyankopɔn ase daa,