Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




1 Korintofoɔ 1:12 - Apam Foforɔ

12 Nea mate ne sɛ ho mu bi ka sɛ, “Meya Paulo afa,” bi nso “Meya Apolo afa,” saa ara nso ne bi nso ka sɛ, “Meya Kefa afa,” anaa “meya Kristo afa.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




1 Korintofoɔ 1:12
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nso ɔnsɛ sɛ bɛfrɛ ho Rabi, efiri sɛ ho kyerɛkyerɛfoɔ yɛ baako, na ho nyinaa hoyɛ asuafoɔ.


Ɔde Simon baa Yesu nkyɛne, na Yesu hwɛɛ no kaa sɛ, “Wone Simon, Yohane ba. Bɛbɛfrɛ wo Kefa” (asekyerɛ ne Petro).


Afei Yudani bi a bɛfrɛ no Apolo a ofiri Aleksandria, baa Efeso. Na Apolo yɛ bi a n’ano ate na onim twerɛsɛm mu paa nso.


Ɔbaa sɛ berɛ a Apolo ya Korinto he, Paulo faa mpɔtamu hɔ baabi baa Efeso, bɛtoo asuafoɔ bi.


Me nuanom, asɛm he ne sɛ, Kloe fiefoɔ atia me nane so sɛ akasakasaa ya ho mu.


na oyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa, ɔne dummienu he.


Anuanom, deɛ meeka ne sɛ: honam ne mogyaa ntumi nya Nyankopɔn ahennie, saa ne deɛ ɔporɔ ntumi nya deɛ ɔmporɔ.


Afei, yɛ nua Apolo deɛ, metuu no fo dendenndene sɛ ɔne anuanom mmra ho nkyɛne, nso na ɔmpɛ sɛ ɔbɛba koraa seesei, na sɛ ɔnya kwane a ɔbɛba.


Anuanom, ho nti ne mede asɛm yi totoo me ne Apolo ho kyerɛɛ ho, na hoasua asɛm a ɔdɛ, “Honyɔ bibi ntera nea bɛatwerɛ,” he asekyerɛ afiri yɛ hɔ, na ho mu bi ansɔre ne bi anni asie.


Anuanom, nea meeka ne sɛ, esiane sɛ bɛatwa berɛ no so tia nti, ofiri saa berɛ yi, ma bɛ a bɛwɔ yerɛnom nyɛ sɛ benni bi he,


Yenni ho kwane sɛ yɛ mu biaa ware gyidini baa ne no nante, sɛdeɛ asomafoɔ ne Awurade mu anuanom ne Kefa yɔ he?


Honhwɛ deɛ ɔda hɔ pefee. Sɛ bi wɔ gyidie sɛ ɔyɛ Kristo deɛ a, ɔnkae sɛ, sɛdeɛ ɔyɛ Kristo deɛ he, saa ara ne yɛ nso yɛyɛ ne deɛ.


Nea ɔteɛ ne sɛ: nea ɔdua kakraa bi he, betwa kakraa bi, na nea odua bebree he betwa bebree, na deɛ odua no bafuu he nso betwa no bafuu.


na berɛ a Yakobo ne Kefa ne Yohane a bebu bɛ sɛ asafo he akannifoɔ he huu adom a manya he, bɛde bɛ nsa nifa too me ne Barnaba nsam kyerɛɛ ayɔnkofa a ɔda yɛ ntam, na bɛpenee so sɛ yɛnkɔ Amanamane mufoɔ bɛ mu na bɛ nso bɛnkɔ twetiatwafoɔ he mu.


M’asɛm a meeka ne sɛ: Mmara a ɔbaa mfie ahannan-aduasa, bɔhyɛ he akyi he, ntumi nsɛe apam a na Nyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ dadaada a odi mu he, mma bɔhyɛ he nyɛ kwa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ