10 Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu.
Na Farisifoɔ he mu bi kaa sɛ, “Nipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛne, efiri sɛ onni homeda.” Nso binom bisaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa debɔneyɛni atumi ayɔ nsɛnkyerɛnne a ɔte sɛ yi?” Afei mpaepaemu baa bɛ mu.
Na afei bɛ a bɛgye diiɛ he mu bebree akoma ne bɛ kra yɛɛ baako, na bɛ mu biaa nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno nkoaa ne dea, na mmom bɛ nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ.
Anuanom agyidifoɔ, mepɛ sɛ hohu sɛ mpɛn pii ne maabɔ me tim pɔ sɛ mɛba ho nkyɛne (nso bibi asi me kwane), na ama matwa aba bi afiri ho hɔ sɛnea mayɔ no Amanamane a aka he hɔ.
Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.
Afei, nea otwa toɔ, me nuanom, makra ho. Honyɛ pɛ, honkyekyere ho ho ho ho werɛ, honnya adwene korɔ, hontena asomdwie mu, na dɔ ne asomdwie Nyankopɔn bedi ho akyi.
Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,
Nyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ a bɛayi bɛ he anim ne meebɔ wo kɔkɔ sɛ di saa nkyerɛkyerɛ yi so a wonhwɛ nnipa anim, na womfa ntɛnkyea nni dwuma biaa.
Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ ho aba ne daa animuonyam he mu Kristo mu he, ɔnoaa ne sɛ ho hu amane kakra, obesiesie ho pɛ; ɔbɛma ho ase atim. Ɔbɛhyɛ ho dene; ɔbɛma ho anya nnyinasoɔ.