Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -


Este libro no es inspirado por Dios y no forma parte del canon cristiano ni del Tanaj judío. Se muestra solo con fines históricos y de estudio. Ver explicación completa

Tobit 3 - KYERƐW KRONKRON


Tobit Mpaebɔ

1 Na mifi yaw mu misui, na mede ahoyeraw bɔɔ mpae sɛ:

2 Ao Awurade, woyɛ teneneeni; na wo nneyɛe nyinaa yɛ pɛ w'akwan yɛ mmɔborohunu ne nokwaredi, na wubu wiase atɛntrenee wɔ nokware mu daa.

3 Na afei, Ao Awurade, kae me ɛ! na kyerɛ me kwan pa daa; nhwɛ me mfomso so ntwe m'aso ne me bɔne a manhyɛ da anyɛ no ne bɔne a m'agyanom yɛ tiaa wo no. Wɔyɛɛ bɔne tiaa wo,

4 na wɔanni wo mmaransɛm no so enti wode yɛn maa ɔfow, nnommum, ne owu. na ɛma wodii yɛn ho fɛw, kaa yɛn ho nsɛm, na yɛn anim guu ase, wɔ amanaman a wɔde yɛn apete wɔn mu no nyinaa mu.

5 Na afei w'atemmu pii no ara yɛ nokware sɛ wode twe m'aso me bɔne ho efisɛ yɛanni wo mmara nsɛm so, na yɛannantew w'anim nokware mu.

6 Na afei wo ne me nni no sɛnea wo ara wopɛ; ka na me honhom mfi me mu, na mimfi asase yi so na mennan mfutuma. Efisɛ eye ma me sɛ, mewu sɛn sɛ mɛtena ase, na mate ahohora ne animka a ɛmfata me na awerɛhow ahyɛ me kra so. O Awurade, kasa na afei m'ahohiahia mfi me so; gyaa me na menkɔ me daa home mu; O Awurade nyi w'anim nhintaw me. Efisɛ eye ma me mmom sɛ mewu sen sɛ mehu ateetee pii wɔ m'asetena mu na mate animka pii.


Wɔbɔ Sara sobo kwa

7 Saa da no ara, wɔ Ekbatana a ɛwɔ Media no, ɛbae sɛ Raguel babea Sara, n'agya mmaawafo no mu biako kaa n'anim,

8 efisɛ wɔde no ama kununom baasɔn, nanso ansa na wɔn mu biara bɛkɔ ne ho sɛ ne ɔyere no, ɔbonsam busufo Asmodeus kum wɔn nyinaa mmiako mmiako. Nti abeawa no kae sɛ: Wo ara na wobɔ wo kununom kum wɔn. Woaware kununom baasɔn dedaw, nanso wonyaa mfaso mfii wɔn mu biara hɔ.

9 Adɛn nti na wohwe yɛn yi? Esiane sɛ wo kununom awuwu nti anaa? Wo ne wɔn nkɔ ɛ! Mma yenhu wo yafumma: Mmarima anaa mmea biara da.


Sara bɔ mpae sɛ onwu

10 Saa da no, odii ne kra mu awerɛhow na osui. Mmere a ɔforo kɔɔ n'agya abansoro no so no, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛn ne mene. Nanso ɔdwenee ho bio kae sɛ: Ɛnsɛ sɛ wodi m'agya ho fɛw bio ka sɛ: Wowɔ ɔbabea biako nanso awerɛhow nti ɔsɛn ne mene. Na eyi bɛma m'agya a ne mfe akɔ anim no de awerɛhow akɔ asaman. Eye ma me sɛ merenni me ho awu, mmom mɛbɔ mpae sɛ: Awurade mma minwu na mante saa animka no bio.

11 Bere koro no ara, memaa me nsa so kyerɛɛ soro bɔɔ mpae sɛ: Nhyira nka wo: Mmɔborohunu Nyankopɔn. Nhyira nka wo din daa ne daa nyinaa. Ma wo nnwuma nyinaa nyi w'ayɛ daa nyinaa.

12 Na afei Awurade, medan m'ani kyerɛ wo na mema m'ani so kyerɛ wo.

13 Kasa ma wonyi me mfi asase so, amma mante animka bio.

14 O Awurade, Wo ara wunim sɛ me tirim yɛ hann sɛ minnguu me ho fi wɔ ɔbarima bi ho ɛ,

15 Nso minnguu me din ho fi ɛ anaa m'agya din ho fi ɛ wɔ me nnommum asase so. M'agya di me ɔba koro, na onni ba a ɔbedi n'ade na onni busuani biara a mede me ho bɛfam sɛ ɔyere. Me kununom baasɔn awuwu dedaw. Meda so te ase yɛ dɛn? Nanso ɛnyɛ fɛ mma wo sɛ mekum me ho, Tie me wɔ m'animguase yi mu.


Tobit ne Sara nya wɔn Mpaebɔ ho mmuae

16 Saa bere no mu ara na Onyankopɔn tiee wɔn baanu no mpaebɔ fii ɔdom ahengua no anim.

17 Enti wɔsomaa Rahael sɛ ɔnkɔsa wɔn baanu nyinaa yare, ɔnkɔwaewae ade fitaa no mfi Tobit ani so, na ɔmfa n'ani nhu wiase hann. Raguel babea Sara nso nware Tobit ba panyin Tobias, na ɔmpam ɔbonsam Asmodeus. Efisɛ Tobias na ɛsɛ sɛ ɔware no fi afoforo a anka wɔpɛɛ no nyinaa nsam. Saa bere no ara Tobit fii abangua no so san kɔɔ ne fi na Raguel babea Sara fii abansoro pia mu sanee.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Síguenos en:



Anuncios