Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -


Este libro no es inspirado por Dios y no forma parte del canon cristiano ni del Tanaj judío. Se muestra solo con fines históricos y de estudio. Ver explicación completa

Tobit 2 - KYERƐW KRONKRON


Tobit ne n'abusuafo Aponto

1 Bere a miduu fie no, me yere Anna ne me ba Tobias san bɛkaa me ho bio. Na eduu Pentekoste afahyɛ a ɛho tew a wodi no nnanson no, wosiesiee aduan pa maa me, na metenaa ase sɛ merebedidi.

2 Bere a mihuu saa aduan pii no, misee me ba no sɛ: Fi adi kɔhwehwɛ sɛ wobehu me kurom Yudafo no mu bi a, odwen Awurade ho nanso ahia no bra, na yennidi. Meretwɛn wo ara kosi sɛ wobɛba ansa na madidi.

3 Tobias fii adi sɛ ɔrekɔhwehwɛ obi a ɔte saa, nanso ankyɛ koraa na ɔsan bɛkae sɛ: Papa, papa, wɔakum yɛn nkurɔfo no mu biako ato abɔnten hɔ.

4 Ɛnna mihuruw gyinae, gyae aduan no di, na mikoyii funu no kɔtoo pata bi ase kosii anwummere.

5 Na mesan bae no, miguaree na midii m'aduan no awerɛhow mu.

6 Ɛnna Amos nkɔmhyɛ no, baa me tirim sɛ: Mo afahyɛ bɛdan awerɛhow na mo anigye nyinaa adan nusu. Na misui.

7 Bere a owini dwoe no mekɔbɔɔ da na misiee funu no.

8 Na wɔn a mene wɔn te hɔ no dii me ho fɛw sɛ: Adɛn wo ti nni hɔ? So wonsuaa hwee? Wokɔɔ ahokyere mu pɛn sɛ wosiee amu nti, mpo sɛ woanguan a anka wowui. Nanso woda so yɛ adekoro no ara.


Tobit Anifurae

9 Saa anadwo no, meguare siesiee me ho, kɔdaa abangua no fasu no ho, na ɔhyew nti mankata me ti so.

10 Na minnim sɛ nnomaa wɔ ɔfasu no so wɔ m'atifi pɛɛ, na wogyaagyaa wɔn anan guu m'ani so na ade fitaa bi guu m'aniwa so. Mekɔɔ oduruyɛfo hɔ ayaresa, mifi oduruyɛfo yi hɔ a, na mekɔ ɔfoforo hɔ nanso wɔantumi ansa me yare. Mmere a wɔde wɔn nnuru no ka me no, na kɔ ara na yare no kɔ so, kosii sɛ m'ani furae koraa. Mfe anan na minhu hwee, na ɛhaw m'abusuafo papaapa. Ahikar hwɛɛ me mfe abien ansa na ɔrekɔ Elymais asase so.


Tobit yere yɛ adwuma

11 Saa bere no nso, me yere Anna nyaa sika fii ne mmea dwumadi mu. Na ɔnwen asaawa de pam ade.

12 Ɛtɔ da bi a ɔde n'adwuma kɔma ne wuranom, na wotua no ka. Da bi, ɔsram Dystrus da a ɛto so ason no, ɔde n'adwuma kɔmaa ne mpanyimfo na wotuaa no ka no, wɔkyɛɛ no abirekyi ba nso kaa ho, sɛ ɔmfa nkɔyɛ aduan.

13 Na obeduu me nkyɛn no, aboa no fii ase sui. Nti mefrɛɛ no bisaa no sɛ: Wonyaa abirekyi ba yi wɔ he? Minnye nni sɛ wokowiae, anaa meboa? Fa ne wuranom ade san kɔma wɔn, efisɛ ɛmfata sɛ yebedi ade a wowiae.

14 Na ɔkaa kyerɛɛ me sɛ: Wɔde kyɛɛ me kaa m'akatua no ho. Nanso mannye no anni, na mekaa kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne wuranom ade nsan nkɔma wɔn; na ɔmaa me bo fuw no eyi ho. Afei obuaa me sɛ: W'adɔe nneɛma no wɔ he? Wo tenenee nnwuma no wɔ he? Wonnim saa nneɛma yi fa wo ho!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Síguenos en:



Anuncios