Este libro no es inspirado por Dios y no forma parte del canon cristiano ni del Tanaj judío. Se muestra solo con fines históricos y de estudio. Ver explicación completa Tobit 1 - KYERƐW KRONKRON1 7 Saa nhoma yi ka Tobit ho asɛm. Tobit yɛ Tobiel a n'agyanom abusuatenten ne: Ananiel, Aduel, Gabael ne Rafael; Asiel asefo a wofi Naftali abusua mu no ba. 2 Ɔno na Asiriafo hene Shalmaneser bere so, wɔfaa no nnommum fi Tisbe a ɛwɔ atɔe fam a ɛwɔ Naftali Kades a, ɛwɔ Galilee a ɛwɔ Asher atifi fam no. Tobit Mmerantebere 3 Me Tobit, m'abrabɔ nyinaa mu manantew nokware ne trenee mu, na meyɛɛ adɔe pii maa me nuanom ne me kuromfo a wɔne me kɔɔ Niniwe wɔ Asiriafo asase so no. 4 Meyɛ aberante no, metenaa m'ankasa me man mu wɔ Israel mantifi asase so. Ɛyɛ Israel mmusuakuw no nyinaa asɛde, sɛ wɔbɛbɔ afɔre wɔ Yerusalem. Beae ha na Onyankopɔn apaw afi Israel nkurow ahorow no nyinaa mu sɛ, wonsi n'asɔredan na ɛnyɛ ne kronkronbea ne ne daa tenabea. Nanso Naftali abusuakuw no nyinaa ne ahemfo a wofi Dawid ase poo Yerusalem. 5 Na Naftali abusuakuw nyinaa, ne me fifo nso, kɔɔ Dan ahenkurow no mmepɔw so wɔ Galilea atifi fam, kɔbɔɔ afɔre maa Baal sika nantwiba honi a Israel hene Yeroboam ayɛ no. Tobit Nokwaredi wɔ ne Som mu 6 Me nkutoo ne obi a ofi m'abusua mu a daa ne daa mekɔ Yerusalem kodi ɔsom afahyɛ no sɛnea wɔahyehyɛ ato hɔ ama obiara wɔ Mose mmara no mu wɔ Israel nyinaa. Meyɛ ntɛm de me nnuankan, me mmoa mu mmakan, m'anantwi mu ntotoso du du, ne nguannwi a madi kan atwitwa no ma asɔfo no, Aaron mma no, wɔ Asɔrefi afɔremuka no so. 7 Mede m'afum nneɛma te sɛ: Aburow, nsa, ngo, borɔdɔma aba ne nnuaba a aka no so ntotoso du du, ma Lewifo a wɔsom Awurade wɔ Yerusalem no. Saa na meyɛ no afe biara gye afe a ɛto so ason a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ asase no so adwuma no. Ɛno mpo metɔn nkyekyɛmu du a ɛto so ebien no, na sika a minya no mede kɔ Yerusalem kɔboa afahyɛ no. 8 Na afe a ɛto so abiɛsa biara no, mede ntotoso du a ɛto abiɛsa, mema akunafo, nyisaa ne ahɔho a wɔte me nkurɔfo mu, na yedi afahyɛ aduan no bom. Meyɛɛ eyi efisɛ Mose mmara no ka sa, na Debora a ɔyɛ me nena barima Ananiel maame akyerɛ me sɛ menyɛ saa. Wogyaw me agyanka bere a m'agya kaa baabi no. Tobit Nokwaredi wɔ Nnommum mu 9 Minyinn no, mewaree Anna a ɔyɛ yɛn busuani, na me ne no woo ɔba barima na yɛtoo ne din Tobias. 10 Akyiri yi, wɔfaa me nnommum kɔɔ Asaria na nea ɛyɛe a mebɛtenaa Niniwe ni, Bere a yɛte hɔ no, m'abusuafo ne me nuanom Yudafo nyinaa dii amanaman mufo no nnuan. 11 Mmom me de, mepoe, manni bi. 12 efisɛ mede me koma nyinaa dii Onyankopɔn mmara no so. 13 Ɔno na ɔma minyaa Ɔhempɔn Shalmaneser anim anuonyam, na wɔde me yɛɛ ɔpanyin a ɔhwɛ ma wɔtotɔ nneɛma ma ɔhene no. 14 Ansa na Ɔhempɔn no bewu no, na metaa kɔ Media, kɔtotɔ nneɛma wɔ hɔ. Bere bi a mewɔ ɔman no ahenkurow Rages a ɛwɔ Media mu no, migyaw sika dwetɛ, de hyɛɛ Gabael, Gabrias nuammarima no nsa, sɛ ɔnhwɛ so mma me. Ɛbɛboro sika dwetɛ nkaribo ahasa a ɛwɔ kotoku mu. 15 Bere a Shalmaneser wui no, ne ba Senacherib bedii n'ade. N'adedi mu no akwantu yɛɛ hu, nti na mintumi nkɔ Media bio. Tobit Sie Awufo 16 Shalmanesar bere so no, meyɛɛ ayamye pii maa me kurom Yudafo, wɔn ahokyere bere mu. 17 Mede m'aduan maa nea ɔkɔm de no, na m'atade nso mede maa nea ɔda adagyaw; na sɛ mihu me nkurɔfo no mu bi sɛ wawu, ma wɔatow no akyene Niniwe afasu no akyi a, misie no fɛfɛɛfɛ. 18 Da bi Senakyerib domee Ɔsorosorohene Nyankopɔn no na Onyankopɔn twee n'aso, enti oguan fii Yuda. Ɔrefi hɔ no, abufuw nti, okunkum Israelfo no mu pii. Na meyiyii amu no kosiei wɔn komm a obiara ante, akyiri yi, Senakyerib hwehwɛɛ amu no nanso wanhu. 19 Na obi fi Niniwe kɔtoatoaa kyerɛɛ ɔhempɔn no sɛ, me na misie afunu no, nti mebɔɔ me ho aguaa. Bere a metee sɛ ɔhempɔn no nim me ho nsɛm nyinaa na wɔrehwehwɛ me akum me no, mebɔɔ hu, na miguan kohintawee. 20 Na m'agyapade nyinaa wɔde nsa too so na wɔanngyaw me hwee gye me yere Anna ne me ba Tobias. Tobit wɔfase twitwa gye no 21 Bɛyɛ sɛ adaduanan akyi no, Sennakyerib mma baanu kum no, na woguanee kɔɔ mmepɔw Ararat so. Ne ba foforo Esarhadden dii n'ade na ɔyɛɛ me nuammarima Ananel ba Ahikar ɔhwɛfo wɔ ahemman no mu sikasɛm ho nkontaa nyinaa so. 22 Nokwarem no, eyi ne ne mprenu so a, wɔde dwuma a ɛte saa ahyɛ Ahikar nsa. Na bere a Sennakyerib yɛ ɔhempɔn wɔ Asaria no, ɔpaw Ahikar sɛ: Ɔsomfo, sikakorafo, ne nkontaabufo, na ɔman no nsɔano nso kura no. Esiane sɛ Ahikar yɛ me wɔfase nti ɔkaa me ho asɛmpa kyerɛɛ ɔhempɔn Essarhaddon na ɔmaa me san baa Niniwe bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana