Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yuda 1:6 - Apam Foforɔ

6 Na abɔfoɔ a bɛtraa bɛ tumi, na begyaa bɛ atenaeɛ he, bɛde daa nkɔnsɔnkɔnsɔn agugu bɛ ya sum kabii mu a Nyankopɔn de bɛ asie ɔɔtwɛne da kɛseɛ he atemmuo.

Gade chapit la Kopi




Yuda 1:6
12 Referans Kwoze  

Nyankopɔn amfa abɔfoɔ a bɛyɔɔ bɔne he ho ankyɛ bɛ. Ɔtoo beguu Asamando amanehunu bunu mu, guu bɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, na hɔ ne bɛɛtwɛne atemmuo da he.


efiri sɛ ɔnyɛ nnipa ne yɛ ne bɛ oodi asie, na mmom yɛ ne mpanyinnie, tumidie, wiase yi sum mu atumfoɔ, ahohommɔne a bɛya soro meamea ne oodi asie.


Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Amonom hɔaa bɛteateam sɛ, Mmɛ ne wo ne yɛ wɔ yɔ, Nyankopɔn Ba? Woaba ha sɛ wobɛha yɛ ansa na mmerɛ he aduru anaa?


hedeɛ na Awurade nim kwane a ɔbɛfa so agye n’akyidifoɔ afiri haw mu, na wama bɛatwe bɛ a bɛntene aso de akosi atemmuo da he,


na mmom atemmuo a ohu akwanhwɛ, ne abufuo gya a ɔbɛhye Nyankopɔn atamfoɔ pasaa he ne ya hɔ ma yɛ.


Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.


Na bɛtoo Bronsam a ɔdaadaa bɛ he too gya ne sɔfe tadeɛ a bɛde aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he ato mu he mu. Na bɛbɛyɛ bɛ ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, atemuda he Nyankopɔn behu Sodom ne Gomora mpo mmɔbɔ akyɛne saa kuro he.


Nso w’akoma pirim ɔne sesa a wompɛ sɛ wosesa nti, wooboaboa Nyankopɔn abufuo ano ama wo ho ama abufuo da he, berɛ a Nyankopɔn atemmuo a ɔtene he beyi ne ho adi;


Bɛ aniwuo da adi te sɛ po asorɔkye a opu ahuro fi gu, bɛte sɛ nsoromma a okyinkyini a Nyankopɔn de bɛ asie sum kabii mu afebɔɔ.


Ɔkyee wɔ kɛseɛ dadaa a ɔno ne Bronsam ne Satan he kyekyeree no maa odii mfie apem.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite