Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Yuda 1:15 - Apam Foforɔ

15 na bɛabebu ho nyinaa atɛne na bɛabu nnebɔnyɛfoɔ nyinaa atɛne bɛ bɔne a bɛayɔ ne nsɛm a ano ɔdene a bɛaka atia Nyankopɔn he ho.”

Gade chapit la Kopi




Yuda 1:15
35 Referans Kwoze  

Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.


da a Nyankopɔn a ɔnam Yesu Kristo so, bebu nnipa nyinaa kokoam nsusuiɛ atɛne sɛnea asɛmpa a maka he teɛ.


Yei kyerɛ sɛ mmara he nna hɔ mma teneneeni, na mmom ɔda hɔ mmaratofoɔ ne asoɔdenfoɔ, nea onsuro Nyankopɔn ne debɔnyɛni, nea ne ho nte ne kasafi-kafoɔ, bɛ a beku bɛ na anaa bɛ agya, awudifoɔ,


Mmɛ nti ne wobu wo ankasa wo nua atɛne? Anaa wo, ɛɛne nti ne wobu wo nua animtia?


Nso w’akoma pirim ɔne sesa a wompɛ sɛ wosesa nti, wooboaboa Nyankopɔn abufuo ano ama wo ho ama abufuo da he, berɛ a Nyankopɔn atemmuo a ɔtene he beyi ne ho adi;


efiri sɛ waayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tim pɔ sɛ ɔnam beema bi a wayi no so bebu wiase atentenee mu, na wanyane no afiri awufoɔ mu de ayɔ nnyinasodeɛ ama nnipa nyinaa.”


Na waama no tumi sɛ ommu atɛne nso, efiri sɛ ɔno ne Nipa Ba he.


Nea odi nwoma yi ho adanseɛ he ka sɛ, “Nɔkorɛ! Ɔnkyɛre koraa mɛba!” Ɔmmra mu saa. Awurade Yesu, bra!


Afei mehuu aboa foforɔ a oopie afiri asaase mu. Na ɔwɔ mmɛne mmienu te sɛ adwamaa, nso na ɔkasa te sɛ wɔ.


Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnaafoɔ a bedi bɛaa bɛ akɔnnɔ akyi, na bɛyɛ anumdwafoɔ a mfasoɔ nti, bɛdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Nyankopɔn bebu bɛ a bɛnka yɛ ho he atene. “Hontu tirimuɔdenfoɔ he mfiri ho mu.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite